So Ɛmenee Yona?
Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Yona, Yehowa diyifo wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B mu, reguan afi dwumadi bi a wɔde hyɛɛ ne nsa ho no, ɔfaa po so hyɛn bi. Wɔ ahum mu akwantu wɔ Mediteranea Po no so no, hyɛnmufo no too no fii hyɛn no mu kyenee nsu mu. “Na [Yehowa] asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.”—Yona 1:3-17
Ebinom ka sɛ, Ɛrentumi nye yiye! Ná abɔde biara nni nsu no mu a ebetumi amene onipa.’ Nanso na bonsu anaa aboodede kɛse fitaa bi betumi ayɛ saa. National Geographic (December 1992) kyerɛɛ aboa foforo a obetumi ayɛ saa—aboodede a ɔte sɛ bonsu. Ɛno ne aboodede a ɔsõ sen biara a wonim, ne tenten tumi yɛ mita 20, na ne mu duru tumi yɛ tɔn 70.
“Sɛnea aboodede a ɔte sɛ bonsu adidi ne ɔnom nkwaadɔm te no fata ma nsɛm a ɛte sɛ Yona de no. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubetwa wo ho mfonini sɛ aboodede a ɔte sɛ bonsu bi amene wo afa n’anom a ɛsõ no mu. . .Ɛyɛ mmerɛw mpo sɛ aboodede a ɔte sɛ bonsu a wanyin ketewa ano kɛse no bɛfa Yona abien.”
Aboodede a ɔte sɛ bonsu no we afifide ne mmoa nketenkete a wɔwɔ nsu mu, a “ɛfra nsu fa wɔn menewa mu kɔ wɔn yafunu a edi kan a emu tumi bae no mu.” Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi afi mu? National Geographic se: “Aboodede wɔ ɔkwan a empira a wɔfa so yi nneɛma akɛse a wɔmene a wɔmpɛ no fi wɔn yam. . .Aboodede betumi ayi nneɛma a ɛwɔ ne yafunu a edi kan mu afi mu bɔkɔɔ denam dan a ɔbɛdan ani na wapia afa n’anom so. . . Enti, wubetumi afi adi a biribi matãã kata wo ho a woafɔn nanso ebia osuahu no ama wo asuade bi.”
Ɛnnɛ wonhu aboodede a wɔte sɛ bonsu wɔ Mediteranea Po no mu, ɛwom sɛ wohu wɔn wɔ kusuu fam araa kodu New York City de. So na wɔwɔ Mediteranea Po no mu wɔ Yona bere so? Hena na obetumi ahu? Bible no nkyerɛ nsu mu abɔde pɔtee a Yehowa de dii dwuma, nanso Yesu ankasa sii so dua sɛ Yona ho kyerɛwtohɔ no yɛ nokware.—Mateo 12:39, 40.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Norbert Wu/Peter Arnold Inc.