Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/1 kr. 32
  • Nkwa Nsu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwa Nsu No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/1 kr. 32

Nkwa Nsu No

“NEA otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmara, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) “Nkwa nsu”​—ɛkyerɛ yɛn nkwagye ho nhyehyɛe ahorow a Onyankopɔn nam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so ayɛ nyinaa. Saa nhyehyɛe ahorow yi wɔ hɔ, na wontua ho hwee. Ayamye nwonwaso bɛn ara na Onyankopɔn da no adi yi! Nanso, dɛn nti na wɔde nsa yɛ ho sɛnkyerɛnne?

Wiɛ, nsu ankasa ma asase mu afifide nyin, na ɛma nkwa kɔ so. Sɛ nsu nni hɔ a, afifide ntumi nya nkwa na ama nnipa atra nkwa mu. Afei nso, nneɛma a ɛwɔ wo nipadua mu ɔha biara mu nkyem 65 yɛ nsu. Akwahosan ho abenfo binom mpo kamfo sɛ ɛsɛ sɛ yɛnom nsu lita 2.4 da biara na ama yɛakɔ so anya saa nsu dodow no. Nkwa bo dwumadi a ɛkɔ so wɔ wo nipadua mu nyinaa​—fi aduan yam so kosi nneɛma fĩ a efi nipadua no mu so​—hia nsu. Sɛ woannom nsu dapɛn biako a, wubewu.

Saa ara na “nkwa nsu” ma obi tra ase honhom mu na ɛma no aduan honhom mu. Sɛ yɛpow nkwa nsu no a, yenni daa nkwa anidaso. (Yohane 3:36) Sɛ yegye tom a, yebetumi anya daa nkwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Samariani bea no de ahopere yɛɛ ade bere a Yesu kaa eyi kyerɛɛ no no: “Nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu”! (Yohane 4:14) Ɛmmra sɛ yɛde ahopere a ɛte saa ara bɛbɔ mmɔden agye nkwa nsu no kwa.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena