So Wobu Mogya a Wɔde Ma no Tra So?
Wɔde mogya ma mpɛn pii wɔ nnɛyi aduruyɛ mu, nanso so ɛyɛ papa te sɛ nea agye din no? Wususuw ho dɛn?
Oduruyɛfo Craig S. Kitchens bisae wɔ The American Journal of Medicine (February 1993) mu sɛ: “So Wobu Mogya a Wɔde Ma Tra So? Ɔkae sɛ nnuruyɛfo taa susuw ho hwɛ sɛ ebia ayaresa bi mu mfaso dɔɔso sen asiane a ebetumi afi mu aba no. Na mogya a wɔde ma nso ɛ?
Kitchens hwehwɛɛ esiane a efi mogya a wɔde ma mu aba, te sɛ mmerɛbo yare, nipadua no mu tumi a ɛko tia nyarewa a ɛho ka, nkwaadɔm a egyae adwumayɛ, ne akwaa foforo a wɔde si dedaw ananmu mu ɔhaw ahorow ho adanse a wɔde ama nnansa yi mu. Bere a nhwehwɛmu biako reka “nyarewa afoforo pii” a wonya fi mogya a wɔde ma mu ho asɛm tiawa no, “ɛkae sɛ tumi a ɔhaw bi betumi afi mogya a wɔde ma mu aba, a binom yɛ nketewaa nanso afoforo betumi apira obi mpofirim,” na ebetumi akum no mpo no “yɛ ɔha biara mu nkyem 20.”
Nanso, so emu mfaso a wosusuw sɛ wobenya no ma ɛteɛ sɛ wɔde wɔn ho to saa esiane ahorow no mu?
Oduruyɛfo Kitchens hwehwɛɛ nhwehwɛmu 16 a wɔyɛ faa oprehyɛn 1,404 a wɔyɛɛ Yehowa Adansefo a Bible ahyɛde a ese ‘montwe mo ho mfi mogya ho’ nti, wɔannye mogya ho no mu.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Dɛn na ohui? “Ɛte sɛ nea gyinae a ayarefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo sii sɛ wɔbɛpow mogye wɔ oprehyɛn akɛse mu no maa emu esiane a ebetumi akum wɔn no mu ɔha biara mu 0.5 kosi 1.5 bɛkaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Nea yɛantumi anhu pefee ne nyarewa a wobetumi anya ne wu a wobetumi awu no dodow a mogya a wɔannye no ma wɔkwatii, nanso eyi betumi adɔɔso asen mogya a wɔannye no mu asiane ahorow.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Aba a ɛwɔ n’asɛm no mu ne dɛn? Ayaresa mu mogya a wɔpow mu asiane nnɔɔso te sɛ mogya a wogye mu esiane.
Enti, asɛm a ntease wom a Kitchens bisae ne sɛ: “Sɛ mogya a wɔmfa mma Yehowa Adansefo ma nyarewa ne awuwuawu so tew ankasa, na ɛmma wɔnsɛe sika kɛse na wɔkwati nyarewa afoforo a, so ɛnsɛ sɛ mogya a wɔde ma ayarefo no yɛ kakraa bi?”
Bere a wɔn a wogyina adanse a ɛte sɛɛ so pow mogya a wɔde ma no, na wɔreyɛ ade ma ɛne akwankyerɛ a efi yɛn Bɔfo no hɔ no ahyia nso.