Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/15 kr. 32
  • M’abufuw Anaa M’akwahosan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • M’abufuw Anaa M’akwahosan?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/15 kr. 32

M’abufuw Anaa M’akwahosan?

Hena na ne bo mfuw? Yɛn nyinaa bo fuw. Ɛtɔ mmere bi a, na abufuw bi teɛ. Nanso nokwarem no, so ɛnyɛ nokware sɛ mpɛn pii no abufuw a yɛfa (anaa sɛnea ano yɛ den) no nteɛ?

Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.” (Dwom 37:8) Nyansa bɛn na ɛwɔ saa afotu no mu? So ebetumi aka w’akwahosan bere tenten?

The New York Times kae wɔ ne fã a wɔato din “Health” no mu sɛ: “Ɛnyɛ ahometew nko na nnipa a ebia wɔde abufuw teɛteɛm mpofirim anaa wɔfa abufuw na wɔhaw wɔ animtiaabu biara a wohu ho no rehyɛ wɔn ho. Wobetumi akum wɔn ho.

“Nnansa yi, nhwehwɛmufo anya nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ abufuw a obi taa da no adi no pira nipadua no kɛse ma ebetumi ama wawu ntɛm te sɛ nea sigaretnom, kɛseyɛ ntraso ne nnuan a srade pii wom betumi akum no no, anaa ebetumi ama wawu ntɛm asen saa mpo.

“Oduruyɛfo Redford Williams, nneyɛe ho nnuru mu nhwehwɛmufo wɔ Duke Sukuupɔn Aduruyɛ Suabea no kae sɛ: ‘Yɛn nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ abufuw a ɔtan ne adwene a ɛnteɛ ma wɔda no adi no te sɛ biribi foforo biara a yenim sɛ ɛsɛe akwahosan.’”

Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ wɔn a wɔma wɔn bu fuw tra so wɔ da biara da asetra mu ɔhaw ahorow ho no nya nneɛma a ɛma wɔhaw wɔ nipadua mu. Abufuw a wɔtaa da no adi no betumi ama wɔn nipadua mu srade a ɛsɛe ade no adɔɔso asen nea ɛma ahobammɔ no, na ɛbɛma wɔatumi anya komayare.

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso saa na mete’ anaasɛ ‘Ɛno na mede anyin.’ Nanso, ɛnkyerɛ sɛ wuntumi nsakra bere a wufi komam bɔ mmɔden sɛ wode Onyankopɔn afotu bedi dwuma no. Hwɛ n’afotu a ɛfa abufuw ne bobɔne ho a wɔakyerɛw wɔ Mmebusɛm 14:29, 30; 22:24, 25; Efesofo 4:26; Yakobo 1:19, 20 no wɔ w’ankasa wo Bible mu. Saa ɔsoro nyansa a wode bedi dwuma no betumi ama w’akwahosan ayɛ yiye na ato wo nkwa nna so. Times kae sɛ: “Nhwehwɛmufo pii kae sɛ wɔn a wɔn bo fuw ntɛmtɛm betumi asiw wu a wobetumi awu ntɛm no ano denam abufuw a wɔde bua nsɛm mpofirim a wobegyae no so.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena