Ɛso Betumi Aba Wo Mfaso?
WƆAYƐ nsɛmma nhoma a ekura wo yi na ɛde nkuranhyɛ ama, na ɛtwe adwene si Bible akwankyerɛ ahorow a ɛde abusua mu asomdwoe ba na ɛma obi ankasa tumi di nokware so. Ɛkyerɛ sɛ Bible no kaa mmere bɔne a yɛwom no ho asɛm siei, na esi ano aduru—Onyankopɔn Ahenni—so dua. So wubetumi anya Ɔwɛn-Aban ne nsɛmma nhoma a ɛka ho Nyan! mu mfaso?
Ɔbea bi a ɔwɔ Philippines a wɔfrɛ no Vilma kyerɛwee sɛ: “Sɛ merepaw asɛmfua bi de aka mo nhoma ahorow no ho asɛm a, ɛyɛ me sɛ anka mɛka sɛ ɛyɛ ‘nwonwa.’ Bere a edi kan a mihui na mekenkan mo Nyan! ne Ɔwɛn-Aban no ne bere a na mete bɔs mu fi Manila resan akɔ fie no. Sɛ meretu kwan a metaa fa atesɛm nkrataa, nanso saa bere yi de mamfa bi ankɔ.
“Ná ɔbarima bi a n’ani afi a okura mo nhoma ahorow no bi te me nkyɛn pɛɛ. Bere a ɔkenkan Nyan! wiei no, oyii nsɛmma nhoma foforo, Ɔwɛn-Aban. Mede hokwan no gyee Nyan! no kenkan bi. Nokwarem no, nsɛmma nhoma no a mekenkanee no maa m’ani gyei ankasa, efisɛ na nsɛm no nyinaa yɛ anigye wɔ bere a ɛsɛ mu, na ɛhyɛ nkuran.”
Ɔbea no de baa awiei sɛ: “Mepɛ sɛ me nsa ka mo nsɛmma nhoma ahorow no. Mesrɛ mo, momma minhu nea ɛbɛyɛ a me nsa betumi aka.” Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Philippines no de anigye yɛɛ ho biribi denam ɔbea no a wɔde no kaa wɔn a wɔmana wɔn nsɛmma nhoma ho no so.