Te Sɛ Sika Aduaba
NNUABA—hwɛ sɛnea aniwa ne tɛkrɛma nyinaa ani gye ho! Bible no de aduaba a ɛyɛ dɛ yi yɛ mfatoho a ɛkanyan adwene sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ?
“Sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu” betumi agyina hɔ ama adwinne bi te sɛ dwetɛ prɛte a wɔayɛ sika aduaba wɔ so. Esiane sɛ saa ti no nkyekyem ahorow a edi kan no ka ɔhene animkɔ ho asɛm nti, nkyekyem yi betumi akyerɛ akyɛde ahorow a wɔde ma sodifo bi—sika agude ahorow a wɔayɛ no te sɛ aduaba a wɔde agu dwetɛ prɛte so. (Mmebusɛm 25:6, 7) Nokwarem no ɛyɛ fɛ yiye!
Nsɛm a ɛfata na nidi wom a wɔkyerɛw anaa wɔka no bere a ɛfata mu nso yɛ fɛ saa ara. Ɛyɛ anigye, ɛhyɛ nkuran, na mfaso wɔ so wɔ akwan pii so. Nsɛm a wɔde honhom akyerɛw wɔ Bible no mu titiriw na ɛte sɛ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”
Sɛnea ɛda adi wɔ Ɔhene Salomo nyansasɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 25:11 mu no, ‘ɔhwehwɛɛ sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm.’ (Ɔsɛnkafo 12:10; Mmebusɛm 25:1) Mfehaha bi akyi no, Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye.” (2 Timoteo 3:16) Yiw, Bible no kura afotu, nkɔmhyɛ, nsɛm a ɛma yetumi twa nneɛma ho mfonini wɔ yɛn adwenem, ne nokware ahorow a mfaso wɔ so a ɛhyerɛn na ɛyɛ fɛ araa ma ɛsen odwumfo a ne ho akokwaw sen biara nsa ano adwuma koraa. Afei nso, obiara a onya nyansa fi Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu no nya ahonyade a ne bo yɛ den, na obetumi anya daa nkwa anidaso no.—Mmebusɛm 4:7-9; Yohane 17:3.