Worekɔ Soro Anaasɛ Hell?
“HOKWAN bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wobɛkɔ soro anaa hell?”
Wobisabisaa Amerikafo pii asɛm a ɛte saa ara wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi mu. Princeton Nyamesom ho Nhwehwɛmu Dwumadibea no tintim nea efi mu bae no wɔ Religion in America 1992-1993 mu.
Anka wubebua dɛn? Hokwan bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ wo hokafo anaa w’adɔfo afoforo bi bɛkɔ soro bere a wɔawu no? So wususuw sɛ ebetumi aba sɛ awiei koraa no, wo anaa wɔn bɛkɔ hell?
Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ ɔha biara mu nkyem 78 susuw sɛ wɔfata anaa wɔfata boro so koraa sɛ wɔbɛkɔ soro, na wɔboro nnipa dodow a wobuaa saa bɛyɛ mfe 40 a atwam ni no so. Hell nso ɛ? Bɛyɛ ɔha biara mu 77 kae sɛ wɔmfata sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkɔ hɔ.
So na wɔn mmuae no gyina Bible mu nokware nimdeɛ so? Nnipa 10 biara mu bɛyɛ 4 gye toom sɛ wɔntaa nkɔ asɔre te sɛ nea na wɔyɛ mfe anum a atwam no. Ɔha biara mu nkyem 28 pɛ na wɔkae sɛ wɔde wɔn ho hyɛ Bible adesua kuw bi mu, na ɔha biara mu 27 tie nyamesom mu ɔkyerɛkyerɛ.
Sɛ wusua Bible no yiye a, wubehu nokwasɛm ahorow bi a ɛyɛ ahodwiriw. Sɛ́ nhwɛso no, Bible no ka no pefee sɛ bere a Yesu wui no, ɔkɔɔ “hell,” sɛnea Bible nkyerɛase ahorow bi ka no. (Asomafo no Nnwuma 2:31, King James Version; “Hades,” New World Translation) Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ nso sɛ Ɔhene Dawid ne Yohane Osuboni nyinaa ankɔ soro bere a wowui no. (Mateo 11:11; Asomafo no Nnwuma 2:29) Ɛnonom yɛ nokwasɛm ahorow, na ɛnyɛ nkurɔfo adwene a wɔkyerɛ wɔ nyamesom mu nhwehwɛmu bi mu kɛkɛ.
Nokwasɛm afoforo a ebetumi aka wo: Bible no kyerɛkyerɛ sɛ wɔde Yesu asomafo no ne afoforo kakraa bi bɛkɔ soro ma wɔne Yesu akodi ade. Nanso, nnipa a wɔawuwu mu dodow no ara kɔɔ adesamma adamoa mu. Onyankopɔn benyan wɔn aba nkwa mu wɔ asase so a wɔn anidaso ne sɛ wobenya asetra a enni awiei a ɛyɛ anigye kɛse wɔ paradise a wɔbɛsan de asi hɔ bio no mu.
Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woahu nea saa anidaso no gyina so afi w’ankasa wo Bible mu.