Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/15 kr. 32
  • Anadwo a ɛsɛ sɛ Wɔkae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anadwo a ɛsɛ sɛ Wɔkae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/15 kr. 32

Anadwo a ɛsɛ sɛ Wɔkae

BƐBORO mfe 3,500 ni mu da titiriw bi no, Yehowa Nyankopɔn maa Israelfo a wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no kum oguamaa de ne mogya petee wɔn fie aponnua ho. Saa anadwo no ara, Onyankopɔn bɔfo twaam wɔ afie a wɔahyɛ no agyirae saa no ho, nanso okunkum mmakan a wɔyɛ mma mmarima a wɔwɔ Misrifo afie mu nyinaa. Afei Israelfo no nyaa ahofadi. Efi saa bere no, Yudafo no akɔ so adi saa afahyɛ no bere biara a saa da no bedu wɔ afe no mu.

Bere a Yesu ne n’asomafo no dii ne Twam a etwa to no wiei ara pɛ no, ɔde adidi bi a wɔde bɛkae ne wu sii hɔ. Ɔmaa n’asomafo anokwafo no abodoo kae sɛ: “Munnye nni; eyi ne me honam.” Afei ɔmaa wɔn kuruwa a bobesa wom kae sɛ: “Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri.” Yesu kae nso sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Mateo 26:26-28; Luka 22:19, 20) Enti Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo sɛ wɔnhyɛ ne wu ho fa.

Yehowa Adansefo fi ayamye mu to nsa frɛ wo sɛ bɛka wɔn ho na wonni Yesu wu ho Nkae yi. Wubetumi akɔ bi wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo fie no so. Bisa Adansefo a wɔwɔ faako a wowɔ no ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ no. Da a wɔde bedi afahyɛ no wɔ 1994 ne Memeneda, March 26, na wɔde abodoo ne bobesa no bɛma bere a owia akɔtɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena