Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/1 kr. 8
  • Bible mu Nokware ka Abusua bi Bom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible mu Nokware ka Abusua bi Bom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa De Akatua Pa Hyɛ Daniel Bɔ
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Onyankopɔn Somafo Hyɛ No Den
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • So Onyankopɔn Dwen Wo Ho Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/1 kr. 8

Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ

Bible mu Nokware ka Abusua bi Bom

ƐNNƐ, ɛkame ayɛ sɛ abusua biakoyɛ yɛ nea ɛreyɛ ayera wɔ wiase no afã pii. Nanso, Bible no ka nea ɛma wonya abusua biakoyɛ ho asɛm. Susuw Yesu nsɛm yi ho: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho.” (Mateo 7:24) Yehowa Adansefo mu mmusua mpempem pii anya biakoyɛ denam saa nsɛm yi a wɔde di dwuma ne Bible no a wɔde di dwuma sɛ fapem a wogyina so hyehyɛ abusua a biakoyɛ wom no so. Afoforo nso renya biakoyɛ a ɛte saa ara, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.

Bere a na Daniel wɔ asraadi mu wɔ France no, asraafo sɔfo bi hyɛɛ no nkuran sɛ ɔntɔ Bible, na ɔtɔe, na ofii ase kenkan daa. Awiei koraa no, woyii no kɔɔ Tahiti. Ná Daniel mfɛfo asraafo binom yɛ Adventistfo, na na ebinom nso yɛ Mormonfo. Ná wɔn nkɔmmɔbɔ taa dan kɔ nyamesom so. Da bi sraani panyin bi de ne yere a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako kyiaa Daniel. Ɔbea no buaa Daniel nsemmisa pii no awia no nyinaa, na ɔde no hyɛɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Tahiti no mu biako mufo nsa maa wɔne no dii nkitaho. Ankyɛ na wɔne no fii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase.

Ná Daniel awofo a wɔte France no yɛ Katolekfo amapa. Ná ne papa yɛ sukuufo fotufo, na na ɔhwɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ so wɔ Katolekfo sukuu bi mu. Bere a Daniel pɛe sɛ ɔne n’awofo kyɛ honhom mu nneɛma a ɛsom bo a na ɔresua no, ofii ase de Bible mu nsɛm hyehyɛɛ ne nkrataa a ɔkyerɛw kɔmaa wɔn no mu nkakrankakra.

Mfiase no Daniel maame ani gyee ho, nanso akyiri yi bere a ohuu edin Yehowa wɔ ne babarima no nkrataa biako mu no, ne ho dwiriw no. Nna kakraa bi akyi no, ɔmaame tee wɔ radio so sɛ wɔreka Yehowa Adansefo ho asɛm sɛ wɔyɛ “kuw a wɔn ho yɛ hu.” Ɔkyerɛw Daniel sɛ ɔne Yehowa Adansefo nnyae nkitahodi ntɛm ara. Nanso Daniel nyaa nkɔso wɔ ne Bible sua no mu na ankyɛ na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obegyae sraadi adwuma no na wasan akɔ France.

Bere a Daniel san kɔɔ ne kurom no, na ɔde bere tenten ne ne maame susuw Bible no ho anwummere biara—ɛtɔ da bi a, de kosi ɔdasu mu. Awiei koraa no, ɔpenee so ne Daniel kɔɔ Ahenni Asa bi so. Bere a ne maame kɔɔ Kristofo nhyiam nea edi kan no, ne ho dwiriw no araa ma ɔmaa wɔne no fii ase yɛɛ Bible adesua daa. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu.

Ná Daniel papa yɛ obi a ɔwɔ nneɛma ho koma, nanso na n’ani gye n’adwuma ne ne som mu nnwuma ho kɛse. Nanso, da bi ɔde ne yere ne Daniel traa kar mu kosii wɔn wɔ ɔmantam nhyiam bi ase. Ná saa da no yɛ July 14, na na ɛwɔ ne tirim sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ Bastille Day nsrabɔ wɔ kuropɔn no mu. Bere a ɔretwɛn no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ nea ɛrekɔ so wɔ nhyiam asa no so. Nneɛma a na ɛrekɔ so pɛpɛɛpɛ ne asomdwoe a na ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu no maa ne ho dwiriw no, na bere a na ɔrehwehwɛ nhyiambea hɔ nnwumayɛbea ahorow no, obiara frɛɛ no “onua.” Ne werɛ fii Bastille Day nsrabɔ no ho asɛm koraa, na ɔtraa nhyiam no ase tiei kosii sɛ wowiei. Ɔkae sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ nokware no sua mu. Nanso, dodow a osuaa ade no, dodow no ara na n’adwuma ho nsɛm haw no, enti bere a na wadi mfe 58 no, ogyaee n’adwuma no. Mprempren abusua no mu nnipa baasa no nyinaa yɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ma wɔabɔ wɔn asu na wɔabom de biakoyɛ resom Yehowa.

Bible mu nokware no na ɛmaa Daniel abusua no yɛɛ biako. Ebetumi ama mmusua afoforo nso ayɛ biako, sɛ wosua na wofi koma nyinaa mu de nea wosua no di dwuma a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena