Ɛsom bo Sen Mmota
Saa ade yi a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mu no ma akwantufo bebree ani gye.
Mpataa pii a wonni ano a wɔn ho kɔla gu ahorow no ho yɛ asuguarefo a woguare nsu a ani tew no anika yiye. Nanso hwɛ nea atwa mpataa a wɔn ho yɛ fɛ a yehu wɔn wɔ ha yi ho ahyia no, ɛpo ase nneɛma a ɛyɛ nwonwa foforo a ɛho yɛ anika nso da adi wɔ ha, a mmota a ne kɔla hyerɛn no ka ho.
Mmota a ɛyɛ fɛ a sɛnea ɛte ne ne kɔla gu ahorow wɔ hɔ. Sɛnea wutumi hu no, tete mpo na mmota a ɛhyerɛn bo yɛ den. Ná adwumfo de mmota yɛ agude a ɛyɛ fɛ, na Bible akyerɛwfo kaa ho asɛm kaa sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne nnɛnkyerema ho. (Mmebusɛm 3:14, 15; Hesekiel 27:16) Nanso saa akyerɛwfo no boa yɛn ma yehu biribi a ɛsen mmota fɛ ne ne bo a ɛsom.
Wɔkae sɛ nneɛma ahorow bi a ɛsom bo kɛse wɔ hɔ na ɛsɛ sɛ yɛn ani ku ho sen mmota. Emu biako ne ɔyere pa, efisɛ yɛkan sɛ: “Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa [mmota] koraa.” (Mmebusɛm 31:10) So woyɛ ɔbarima warefo? Hwɛ mmota a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ ha yi no bio, na susuw ho hwɛ sɛ ebia woreda obu a ɛfata wo yere adi kyerɛ no a.
Sɛ́ yɛyɛ mmarima anaa mmea, awarefo anaa ahokwafo no, mmota a ɛyɛ fɛ no ho a yebesusuw no bɛboa yɛn ma yɛn ani asɔ ɔsoro nyansa, nhumu, ne nimdeɛ kɛse. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.”—Mmebusɛm 3:13-15; 8:11.
Enti sɛ́ yɛnam asuguare so na yehu anaasɛ yehu wɔ mfonini mu no, ɛsɛ sɛ Po Kɔkɔɔ mu mmota no yɛ biribi a ɛyɛ fɛ ma yɛn na mfaso wɔ so sɛ yesusuw ho.