Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ
Odii N’ahonim a Ɔde Bible Atete no Akyi
ISRAEL hene Dawid bɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa kae sɛ: “Me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.” (Dwom 26:11) Onyankopɔn huu no mmɔbɔ ampa wɔ ne mudi mu a okurae no ho. Yehowa hyiraa Yesu nso esiane sɛ ɔyɛɛ ne soro Agya no apɛde nti, na Ohyiraa aberante bi a ɔwɔ Colombia a odii n’ahonim a ɔde Bible atete no akyi, na osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no. Saa aberante yi ka sɛ:
“Bere a me ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, na mekɔ Katolekfo sukuu bi. Nanso, sɛ mekɔ Mass a na m’ahonim haw me, enti mekɔɔ sukuu panyin no (na ɔyɛ ɔsɔfo), sukuu ɔfotufo, ne sukuuni a na ɔyɛ panyin wɔ m’adesuakuw no nso nkyɛn sɛ wonnyi me mfi Mass kɔ mu. Ɛwom sɛ woyii me fii mu de, nanso ebinom bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma makɔ. Wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako pɛ na ɔhaw no mu yɛɛ den. Me papa kae sɛ, sɛ woyi me adi fi sukuu mu a ɔbɛpam me afi fie. Ná wasusuw ho sɛ ɔbɛma makɔ sukuupɔn na magye abodin.
“Sukuu panyin no kɔɔ so de kɔkɔbɔ mae wɔ obiara a ɔbɛpow sɛ obedi Katolekfo ahyɛde no so ho. Bere a bere dui sɛ wɔbɛbɔ Mass a edi kan wɔ afe no mu no, mikohintawee kosii sɛ wowiei. Afei mede nhomawa Sukuu ne Yehowa Adansefo maa ɔkyerɛkyerɛfo (a ɔyɛ ɔsɔfo) no na meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no mintumi nkɔ Mass. Ɔkae sɛ: ‘Eye sɛ wubefi ase ahwehwɛ sukuu foforo akɔ.’ Ná minim sɛ woyi me adi fi sukuu a, me papa bɛpam me afi fie. Nanso, mebɔɔ Yehowa mpae na mekɔɔ so dii me mfɛfo sukuufo no adanse fefeefe.
“Akwamma bere dui. Afei, wobuee sukuu no, na Mass bɔ bere soo bio. Ná sukuu panyin no ne asɔfo afoforo no gyinagyina asɔredan no anim, a wɔayɛ krado sɛ wɔrebetie bɔneka. Ná ehu aka me. Mekɔtraa dan no mu, nanso m’ahonim haw me. Bere a wofii ase sɛ wɔreto dwom no, mekaa no me tirim sɛ, Dɛn na mereyɛ wɔ ha? Yehowa ne me Nyankopɔn. Mintumi nyɛ ohufo na mempa n’akyi. Ɔrennyaw me.’ Mebɔɔ mpae srɛɛ akokoduru. Afei, mesɔre fii asɔredan no mu na mikogyinaa wɔn a wɔato santen reka wɔn bɔne no mu. Bere a miduu sukuu panyin no anim no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo, ɛnyɛ me bɔne na merebɛka.’ Ɔkae sɛ: ‘Nea na misusuw ara nen.’ Meka kyerɛɛ no sɛ mewɔ ɔpɛ sɛ mehu amane biara a ebefi saa a menyɛ no mu aba efisɛ m’ahonim mma me kwan sɛ memfa me ho nhyɛ Mass bɔ no mu. Mintumi mmu nneɛma a masua afi Bible mu no so.
“Ɔhwɛɛ me dinn, serewee na ɔkae sɛ: ‘Mekamfo wo. Mo Adansefo nyinaa fata nkamfo. Mo fam no, Onyankopɔn na odi kan, na moayɛ krado sɛ mubedi ne mmara so a nea ɛbɛba biara mfa ho. Monkɔ so saa ara. Morebɔ mmɔden yiye. Me yam a anka Katolekfo nyinaa te sɛ mo, a wɔyɛ nsi na wɔda ɔdɔ a ɛte sɛɛ adi kyerɛ Onyankopɔn. Efi nnɛ rekɔ, wɔayi wo afi yɛn som mu dwumadi nyinaa mu.’ Hwɛ sɛnea m’ani gyei! Yehowa hyiraa me bo a misii sɛ medi m’ahonim a mede Bible atete no akyi no so.
“Ɛda a edi hɔ no, sukuu panyin no ka kyerɛɛ sukuufo no sɛ: ‘Nyamesom akuw afoforo adi yɛn kan. Dɛn nti na yɛnyɛ sɛ wɔn, wɔ nsi ne ɔdɔ a emu yɛ den a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom no a edi ade foforo biara a wɔyɛ kan no mu? Eyi ne ade a ɛsɛ sɛ ɛtra yɛn koma mu.’
“Awiei koraa no woyii sukuu panyin no fii hɔ kɔɔ Rome, na sukuu panyin foforo a ɔbae no buu n’ani guu me ho a memfa nhyɛ Mass bɔ mu no so. Me papa tu fii fie hɔ, na ɛmaa minyaa kwan de me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu bere a miwiee sukuu no.”
Yehowa hyiraa saa aberante yi a odii n’ahonim a ɔde Bible atete no akyi no. Obehyira wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde nyinaa no saa ara.—Mmebusɛm 3:5, 6.