Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/15 kr. 25
  • Awodadi Ahorow Kowiee Awudi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awodadi Ahorow Kowiee Awudi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/15 kr. 25

Awodadi Ahorow Kowiee Awudi Mu

NNIPA pii bu awodadi nnɛ sɛ amanne a asɛm biara nni ho. Nanso Bible nka saa amanne yi ho asɛmpa. Ade biako ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo no biara dii awoda.

Sodifo a na wɔyɛ Onyankopɔn atamfo na wodii awoda abien pɛ a Bible no ka ho asɛm no. Wokum nipa wɔ afahyɛ no mu biara ase sɛnea ɛbɛyɛ a ahɔho a wɔbaa ase no de anigye bɛhwɛ obi a wayɛ biribi a ɛnsɔ ɔhene ani no wu. Nea edi kan mu no, Misraim hene Farao kum n’abodootofo panyin. (Genesis 40:2, 3, 20, 22) Misraim sodifo no yɛɛ saa wɔ apontow no ase esiane sɛ na ne bo afuw n’akoa no nti. Nea ɛto so abien mu no, Herode, Galilea sodifo a ne bra asɛe no, twaa Osuboni Yohane ti de sɔɔ abeawa bi a na wasaw wɔ apontow no ase ma n’ani agye ho no ani. Aninyanne bɛn ara ni!—Mateo 14:6-11.

Nanso, so ɛnyɛ awodadi abien a ɛyɛ soronko koraa na Bible no kaa ho asɛm? Ɛnte saa ankasa. Tete Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus da no adi sɛ ɛnyɛ soronko. Wayɛ nnipa a wokunkum wɔn wɔ awodadi afoforo ase de gye wɔn ani ho kyerɛwtohɔ.

Sɛ nhwɛso no, ebi sisii wɔ Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ afe 70 Y.B. mu no akyi, bere a Yudafo 1,000,000 hweree wɔn nkwa na wɔfaa 97,000 a wofii mu kae kɔɔ nkoasom mu no. Bere a wɔnam kwan so rekɔ Roma no, Roma sahene Tito de Yudafo a wafa wɔn nnommum no kɔɔ Kaesarea po so ahyɛn gyinabea.

Josephus kyerɛw sɛ: “Bere a Tito wɔ Kaesarea no, ɔde anigye kɛse dii ne nuabarima Domitian awoda, na ɔnam mmoa a ɔmaa wɔne nneduafo koe ne hyew a ɔhyew ebinom so kunkum wɔn mu bɛboro 2,500. Eyi akyi no ɔtoaa so kɔɔ Berytus [Beirut], Romafo atubraman a ɛwɔ Foinike, baabi a okunkum nnipa a wɔafa wɔn nnommum no pii sen kan no de yɛɛ ɔyɛkyerɛ akɛse de dii n’agya awoda no.”—The Jewish War, VII, 37, a Paul L. Maier kyerɛɛ ase wɔ Josephus: The Essential Writings mu no.

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ The Imperial Bible-Dictionary ka sɛ: “Hebrifo a wɔtraa ase saa nna no akyi buu awodadi sɛ ɛyɛ abosonsomfo afahyɛ, na ɛbɛyɛ sɛ wogyina adanse a ɛdɔɔso a wohui sɛ ɛkɔɔ so wɔ afahyɛ no ase a ɛda so kɔ so nnɛ no so na enyaa saa adwene no.”

Nokware Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu ampɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Romafo amanne a wɔnka ho asɛmpa wɔ Bible mu, na wodii no atirimɔden so no mu. Ɛnnɛ, nokware Kristofo nim sɛ awodadi ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible no mu no ka nneɛma a wɔakyerɛw ato hɔ ama wɔn kyerɛkyerɛ no ho. (Romafo 15:4) Wɔpow awodadi efisɛ afahyɛ a ɛtete saa no de obu a ɛmfata ma nea odi n’awoda no. Na nea ɛho hia titiriw no, Yehowa asomfo fi nyansam susuw ka a Bible no nka awodadi ho asɛmpa no ho.

[Kratafa 25 mfonini]

Kaesarea agumadibea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena