Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/1 kr. 32
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Yɛn Mmofra No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Yɛn Mmofra No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/1 kr. 32

Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Yɛn Mmofra No?

Nuklea ho asiane—sɛ́ efi amumɔyɛfo akuw atopae a wɔtoto anaasɛ efi mfomso a ɛba wɔ adwumayɛbea ahorow mu no—rehunahuna yɛn nyinaa. Ebia mmofra, a w’ankasa wo mma anaa mmanananom ka ho ho asɛm haw wo titiriw. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ wubehu sɛ nuklea ho asiane de abofra biara akwahosan ne ne daakye to asiane mu.

Nanso ma wo bo ntɔ wo yam. Biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wunya mmofra daakye ho awerɛhyem. Nea yegyina so nya anidaso no mfi mmɔden a nnipa bɔ sɛ wɔbɛbɔ yɛn mmofra ho ban no, na mmom yɛn Bɔfo no.

Bere a Onyankopɔn Ba Yesu kyerɛkyerɛe wɔ Mfinimfini Fam Apuei no, ɔkyerɛe sɛ osusuw mmofra ho. (Marko 9:36, 37, 42; 10:13-16) Bible da no adi sɛ wobesusuw mmofra ho saa ara bere a awiei koraa no Onyankopɔn yi nuklea ho asiane fi hɔ na ɔde wiase nyinaa paradise si hɔ no. Yɛn mmofra no betumi anya eyi mu anigye, na wo nso saa ara.

Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya eyi ho nsɛm pii anaasɛ wopɛ sɛ obi ne wo bɛyɛ ofie Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower Society, P. O .Box 760, Accra, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena