Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 32
  • Nkyerɛwde a Ɛwɔ Ntease Soronko

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkyerɛwde a Ɛwɔ Ntease Soronko
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 32

Nkyerɛwde a Ɛwɔ Ntease Soronko

“IEHOVA SIT TIBI CUSTOS”

NSƐM yi a wɔakyerɛw wɔ afeha a ɛto so 17 dan bi ho wɔ Celerina, Switzerland apuei fam no, kyerɛ sɛ, “Yehowa mmɔ wo ho ban.” Wɔ saa beae a mmepɔw wɔ yi no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔakyerɛw Onyankopɔn din wɔ afie, asɔredan, ne asɔfo atrae a adi mfehaha pii ho. Ɛyɛɛ dɛn na wohuu Yehowa din yiye saa?

Tete kurow a wɔfrɛ no Rhaetia (a na ɛwɔ baabi a ɛyɛ ɛnnɛ Germany kesee fam apuei, Austria, ne Switzerland apuei fam a wɔaka abom) bɛyɛɛ Roma mantam wɔ afe 15 A.Y.B. mu. Ná ɛhɔfo no ka Romansh, kasa bi a egyina Latin kasa so, a wonyaa kasa pii a wɔda so ka wɔ Alps abon a ɛwɔ Switzerland ne Italy kusuu fam fii mu no.

Akyiri yi, wɔkyerɛɛ Bible no afã bi ase kɔɔ Romansh mu. Ná nkyerɛase biako a wɔfrɛ no Biblia Pitschna kura Nnwom nhoma no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Wɔ saa Bible yi a wotintim no afe 1666 mu no, edin Iehova no puei mpɛn pii wɔ Nnwom nhoma no nyinaa mu. Esiane sɛ Bible ne nhoma titiriw a na wɔkenkan wɔ fie nti, Biblia Pitschna akenkanfo behuu Ɔbɔadeɛ no din yiye.

Nanso, awo ntoatoaso a akyiri yi wɔbae no ankyerɛ Bible ho anigye bio. Nnipa pii anhaw wɔn ho sɛ wobebisa nea asɛmfua “Iehova” no kyerɛ, na saa ara na asɔfo no nso ammɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Enti, saa nkyerɛwde ahorow yi bɛdanee ahwɛde a wɔde kaee tete mmere ara kwa.

Wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔresakra ntease a nkurɔfo wɔ wɔ ɔkwan soronko so. Yehowa Adansefo atu kwan afi anaafo fam abedi akwamma wɔ abon fɛfɛ yi mu, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn a ne din de Yehowa no ho nsɛm bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no. Adansefo binom mpo abɛtra hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de bere pii aka atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa a Ɔbɔadeɛ no wɔ ma asase ne nnipa no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Enti, saa nkurɔfo no refi ase ahu tete Romansh nkyerɛwde yi so mfaso bere a wosua nokware Nyankopɔn Yehowa ho ade no.

[Kratafa 32 mfonini ahorow]

IEHOVA PORTIO MEA: Yehowa ne me kyɛfa.—Hwɛ Dwom 119:57

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena