Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/1 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/1 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛbɛyɛ papa sɛ obi bɛpene so ma wɔawɔ no paane a wɔde siw nyarewa ano anaa paane foforo a “albumin” a wonya fi nnipa mogya mu wom?

Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si n’ankasa gyinae wɔ eyi ho.

Onyankopɔn asomfo pɛ sɛ wodi ahyɛde a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 a ese wɔnkwati mogya no so, na ɛyɛ ne kwan so. Ne saa nti, Kristofo renwe nam a wɔanhwie ne mogya angu anaa nnuan bi te sɛ ekyim. Nanso Onyankopɔn mmara no fa aduruyɛ nso ho. Yehowa Adansefo kura krataa bi a ɛkyerɛ sɛ wonnye ‘mogya, mogya a emu nneɛma nyinaa wom, mogya nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya nkwammoaa fitaa, mogya nkwammoaa ntrantraa, anaa mogya nsunsu.’ Na serum a wɔde wɔ paane a mogya mu protein kakraa bi wom nso ɛ?

Adansefo ahu fi bere tenten sɛ eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ obiara gyina n’ahonim a ɔde Bible atete no so na n’ankasa si ho gyinae. Wɔdaa eyi adi wɔ June 1, 1990 Ɔwɛn-Aban no “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” a ɛkaa serum a wɔde wɔ paane a sɛ obi nya nyarewa ahorow bi a oduruyɛfo bi betumi akamfo akyerɛ ho asɛm no mu. Nneɛma atitiriw a ɛwɔ paane a ɛte saa mu no nhyɛ da nyɛ mogya ankasa na mmom mmoawa a wɔko tia nyarewa a wonya fi wɔn a ɔyare no ntumi wɔn mogya mu. Kristofo binom a wɔte nka sɛ wobetumi de ahonim pa apene paane a ɛte saa so no ahyɛ no nsow sɛ mmoawa a wɔko tia nyarewa fi ɔbea a ɔyem mu kɔ akokoaa a ɔhyɛ n’awotwaa mu no mogya mu. “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” kaa eyi, ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ albumin bi fi ɔbea a ɔyem mu kɔ n’akokoaa no mu ho asɛm.

Ebinom bu eyi sɛ ɛho hia, efisɛ mpaane a wɔde siw nyarewa ano a wɔamfa mogya na ɛyɛe bi betumi ayɛ nea wɔde mogya mu albumin kakraa bi aka ho ayɛ na ama emu nneɛma no akari pɛ. Nnansa yi wɔde albumin kakraa bi di dwuma wɔ nnuru a wɔde wɔ paane a ɛma obi nya mogya ntɛmntɛm a wɔfrɛ no EPO (erythropoietin) mu. Adansefo binom apene EPO a wɔde wɔ wɔn paane so efisɛ ebetumi ama obi anya mogya nkwammoaa kɔkɔɔ ntɛmntɛm ma enti ebia ɛmma oduruyɛfo nte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔma no mogya.

Daakye, wobetumi anya nnuru afoforo a wɔde albumin kakraa bi bɛka ho, efisɛ nnufrafo nnwumakuw ahorow yɛ nnuru afoforo anaa wɔsesa sɛnea na wɔyɛ no dedaw no. Enti ebia Kristofo bɛpɛ sɛ wohu sɛ albumin wɔ aduru bi a wɔde wɔ paane a wɔde siw nyarewa ano anaa foforo bi a dɔkta bi kamfo kyerɛ mu anaasɛ ebi nnim. Sɛ wɔn adwene mu yɛ wɔn nãã anaa biribi nti wosusuw sɛ albumin wom a, wobetumi abisa wɔn duruyɛfo no.

Sɛnea yɛaka no, Adansefo pii apene nnuru a wɔde wɔ paane a albumin kakraa bi wom so. Nanso, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔhwehwɛ asɛm no mu kɔ akyiri ansa na n’ankasa asi ho gyinae no hwehwɛ asɛm a ɛwɔ June 1, 1990 Ɔwɛn-Aban no “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena