Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Dɛn nti na “New World Translation” no de asɛm a ɛware a ɛne “ani bɔɔ . . . so” no di dwuma wɔ Mateo 3:7 na ɛnyɛ “huu” a Bible nkyerɛase afoforo pii de di dwuma no?
Nokwarem no, wobetumi de emu biara adi dwuma na ɛrenyɛ mfomso. Ɛnyɛ mmerɛw mma kasa horow nyinaa sɛ ɛbɛda asɛm yi adi ma ayɛ dɛ sɛnea mfitiase Hela asɛmfua no yɛ no. Nanso sɛnea wɔkyerɛɛ Mateo 3:7 ase wɔ Engiresi kasa mu New World Translation of the Holy Scriptures mu no ma ɛyɛ dɛ te sɛ nea wohu wɔ Hela asɛmfua a efi mu no. Yɛkenkan sɛ: “Bere a [Yohane Suboni] ani bɔɔ Farisifo ne Sadukifo no mu bebree so sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nhurutoa mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?’”
Sɛnea yɛaka no, Bible pii ka no tiawa sɛ Yohane ‘huu’ Farisifo ne Sadukifo no sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ Yudafo no asu no. Nanso, so na Bible no kyerɛ sɛ Yohane hui sɛ wɔyɛɛ eyi bere tenten bi, te sɛ nea ɔhwɛ kyɛe kakra na awiei koraa no ɛma ɔkaa wɔn nyaatwom adeyɛ no ho asɛm? Asekyerɛ a ɛne ‘huu’ no betumi ama obi anya ntease a ɛte saa. Nokwarem no, wosi saa adwene no so dua wɔ nkyerɛase a Ferrar Fenton yɛe no mu, nea ɛka eyi no: “Nanso bere a ɔhwɛe sɛ Farisifo no . . . ”
Hela adeyɛ kabea no ne nea wɔfrɛ no aorist. Aorist kyerɛ bere tiaa bi mu adeyɛ, na ensii kabea no kyerɛ adeyɛ a ɛrekɔ so (wɔreyɛ) na ayɛasie kabea no yɛ adeyɛ a wɔawie (wɔayɛ awie) titiriw. Enti adwene a aorist adeyɛ kabea no kura wɔ Mateo 3:7 ho ne sɛ Yohane Suboni hui wɔ bere bi mu sɛ Farisifo ne Sadukifo no reba, anaasɛ ‘n’ani bɔɔ wɔn so.’ Bere a ohuu saa pɛ na ɔkaa nea yɛkenkan wɔ nkyekyem 7-12 no.
Aorist kabea a wogyinaa adwene yi so de dii dwuma no ho nhwɛso pii wɔ hɔ. Sɛnea ɛyɛ dɛ a yebehu no betumi ama yɛanya nea Bible no ka ho anisɔ kɛse.
Sɛ nhwɛso no, Mateo 9:9, NW, se: “Yesu fi hɔ retwam no, n’ani bɔɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mateo a ɔte atowgyei so, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Bɛyɛ m’akyidini.’ Ntɛm ara ɔsɔre dii n’akyi.” Ná ɛnsɛ sɛ Yesu hwɛ Mateo kyɛ, saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ Mateo mpɛn pii. Yesu ani bɔɔ Mateo so na Ɔyɛɛ biribi.
Eyi yɛ ahwɛyiye a New World Translation no yɛe wɔ Hela adeyɛ nsɛm a ɛwɔ aorist kabeam ho nhwɛso abien. Susuw nsɛm bi a wɔka no saa ara ho, na hwɛ nsɛm afoforo a ɛyɛ dɛ a wubehu no:
“Afei, bere a Yesu duu sodifo no fie na n’ani bɔɔ atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye no so no, ofii ase kae sɛ: ‘Mumfi hɔ nkɔ, efisɛ abeawa no nwui na mmom wada.’”—Mateo 9:23, 24.
“Bere a asuafo no ani bɔɔ no so sɛ ɔnam po no so no, wɔn bo tui, na wɔkae sɛ: ‘Ɛyɛ honhom bi!’ Na wɔde ehu teɛteɛɛm. Nanso ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro, ɛyɛ me.’”—Mateo 14:26, 27.
“Afei hyiadan no so ahwɛfo no mu biako a wɔfrɛ no Yairo bae, na n’ani bɔɔ [Yesu] so no, ɔhwee ne nan ase srɛɛ no mpɛn pii sɛ: ‘Me babea kumaa wɔ tebea a emu yɛ den mu. Mesrɛ wo bra na fa wo nsa begu no so.’”—Marko 5:22, 23.
“Bere a ɔbɛn [Nain] kurow pon akyi no, hwɛ! wɔsõ ɔbarima bi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi. Afei nso, ɔyɛ okunafo. Na kurom hɔfo pii nso ka ne ho. Na bere a Awurade ani bɔɔ no so no, ne yam hyehyee no maa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Gyae su.’”—Luka 7:12, 13.
“Enti bere a Maria duu baabi a Yesu wɔ na n’ani bɔɔ [Yesu] so no, ɔhwee ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuabarima no anwu.’ Enti, bere a Yesu hui sɛ ɔresu na Yudafo a wɔne no bae nso resu no, oguu ahome wɔ honhom mu.”—Yohane 11:32, 33.
Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nhwɛso afoforo a, hwɛ Asomafo no Nnwuma 7:23-25; 9:39, 40; 21:32; 28:3-5; ne 1 Yohane 5:16. Saa a wobɛyɛ no betumi asan akyerɛ wo sɛnea Bible asuafo mmɔdenbɔfo betumi anya akomatɔyam bere a wɔtrɛw ntease a wɔwɔ wɔ nea wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu no.