Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛ Mmɔborohunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Su Yɛ Fɛ​—Ɔyɛ Nokwafo, Ɔde Bɔne Firi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Wubetumi Afa Onyankopɔn Adamfo
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 12/15 kr. 30

So Wokae?

So woahu sɛ Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no so wɔ mfaso ankasa ma wo? Ɛnde dɛn nti na womfa nsemmisa a edidi so yi nsɔ w’adwene nhwɛ:

▫ Dɛn nti na Yehowa Adansefo kɔ so srasra wɔn afipamfo?

Yehowa Adansefo ankasa pɛ sɛ wonya Onyankopɔn nhyira denam Ahenni a wahyɛ ho bɔ no so, na esiane sɛ wɔdɔ wɔn afipamfo nti, wɔpɛ sɛ wɔn nso wonya nhyira koro no ara bi. Enti, bere a wodi Yesu nhwɛso akyi no, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim hyɛ wɔn ma wɔkɔsrasra wɔn afipamfo. (Mateo 6:9, 10; 22:37-39)—8/15, nkratafa 8, 9.

▫ Dɛn nti na adannandi a wogye tom gyina gyidi so?

Nyansahufo nhuu abɔde mu nsakrae a wɔfrɛ no mutations—nea mfaso wɔ so mpo—a ɛde abɔde afoforo a nkwa wom aba da, nanso adannandifo kyerɛ sɛ saa kwan yi so na abɔde afoforo nam bae. Adannandifo nhuu sɛnea nkwa tumi fi abɔde bi a nkwa nnim mu ba no pɛn, nanso wɔkyerɛ sɛ saa kwan yi so na nkwa fii ase.—9/1, kratafa 5.

▫ Ɔkwan a eye kyɛn so bɛn na yebetumi afa so adi abasamtu a asetram anohyeto ahorow betumi de aba so?

Sɛnea yɛn tebea te biara no, sɛ yɛde yɛn adwene si nea yetumi yɛ so mmom sen sɛ yebedwennwen nea yentumi nyɛ ho a, asetra bɛyɛ nea abotɔyam wom, na yebenya Onyankopɔn som mu anigye. (Dwom 126:5, 6)—9/1, kratafa 28.

▫ Mfaso horow bɛn na ɛwɔ bɔne fafiri mu?

Afoforo bɔne a yɛde firi wɔn kanyan abusuabɔ pa (Efesofo 4:32); ɛnyɛ yɛne yɛn yɔnko nnipa ntam asomdwoe nko na ɛde ba, na mmom abotɔyam nso (Romafo 14:19; Kolosefo 3:13-15); afoforo a yɛde wɔn bɔne firi wɔn no bue hokwan ma wɔde yɛn bɔne firi yɛn (Mateo 6:14); afei nso, ɛboa yɛn ma yɛkae sɛ yɛn ankasa nso yehia bɔne fafiri. (Romafo 3:23)—9/15, kratafa 7.

▫ Ɔkwan bɛn so na odiyifo Amos nhwɛso no boa yɛn wɔ yɛn asɛnka adwuma mu?

Te sɛ Amos no, yɛnsakra Onyankopɔn asɛm anaasɛ yɛmmrɛ no ase. Mmom no, yɛde osetie ka ho asɛm, ɛmfa ho sɛnea yɛn atiefo yɛ wɔn ade wɔ ho no.—9/15, kratafa 17.

▫ Onyankopɔn su horow bɛn na ɛsɛ sɛ yesuasua?

Abien a ɛho hia titiriw ne, sɛnea Yehowa tumi hyehyɛ nneɛma yiye ne anigye a ɔwɔ. (1 Korintofo 14:33; 1 Timoteo 1:11) Onyankopɔn su horow yi kari pɛ, enti ɔmma biako mmunkam foforo so.—10/1, kratafa 10.

▫ Nneɛma pa bɛn na awofo ayɛ de aboa wɔn mma na wɔasom Yehowa?

Ade a ɛho hia kɛse ne sɛ wubefi ase ntɛm. Nkyerɛkyerɛ ne adesuade ahorow a obi nya bere a osua koraa no bɛtra hɔ ne nkwa nna nyinaa. (Mmebusɛm 22:6) Ɛho hia sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn osetie ne obu a wobenya ama Yehowa ne ne som, wɔ nhyiam nyinaa ase. Awofo a wɔatumi atete wɔn mma sua sɛnea wobehu nkɛntɛnso bɔne, na wɔboa wɔn mma ma wɔyɛ nsakrae wɔ ho. (Mmebusɛm 22:15) Awiei koraa no, fi ase ntɛm fa teokrase botae ahorow a ntease wom a abofra betumi adu ho si n’anim.—10/1, nkratafa 27-8.

▫ Dɛn na ɛda nsow wɔ Yehowa fafiri ho a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de di dwuma?

Yehowa de firi, na ɔnkae bio nso. (Yeremia 31:34) Ɛyɛ den ma nnipa mma sɛ wɔbɛyɛ eyi. Yesu sii hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ saa no so dua sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 6:14, 15 no.—10/15, nkratafa 25-6.

▫ Nneɛma abiɛsa bɛn na ɛyɛ akwanside wɔ mmɔborohunufo a yɛbɛyɛ ho?

Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, nitan betumi agye ntini wɔ yɛn mu. Sɛ yɛn ani bere obi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ne no adi nsɛm wɔ mmɔborohunu so? Basabasayɛ a yɛbɛhwɛ wɔ ɔkwan a ɛho nhia so yɛ akwanside foforo. Eyi mma yennya tema wɔ afoforo amanehunu ho. Afei nso, ɛda adi sɛ onipa a ɔyɛ pɛsɛmenkominya rennya mmɔborohunu. (1 Yohane 3:17)—11/1, nkratafa 19, 20.

▫ Asuade ahorow bɛn na yebetumi anya afi Hiob ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu?

Kyerɛwtohɔ a ɛfa Hiob ho no ma yehu Satan nnɛɛdɛe yiye, na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea nnipa mudi fa Yehowa amansan tumidi ho. Te sɛ Hiob no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa hwɛ. Yɛn nso yebetumi agyina ano sɛnea Hiob yɛe no, akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo, na yɛanya Onyankopɔn Ahenni no mu nhyira horow no.—11/15, kratafa 20.

▫ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo kuw bi guamtrani betumi akyerɛ obu a ɛfata ama ɔpanyin biara?

Bere a ɛbɛyɛ yiye biara no, ɛsɛ sɛ guamtrani no di kan de nsɛm a wobesusuw ho to gua bere tenten, na ama mpanyimfo a aka no anya bere de mpaebɔ asusuw asɛm biara a ɔde ato gua no ho yiye. Wɔ mpanyimfo nhyiam no ase no, ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛ mpanyimfo no nsusuwii, na mmom ɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde “kasa mu ahofadi” adi dwuma wɔ nsɛm a wɔresusuw ho no mu. (1 Timoteo 3:13, NW)—12/1, kratafa 30.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena