“Minhuu Biribiara a Ɛte sɛ Eyi Pɛn!”
WƆ 1993 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Argentina no sɛ wɔmfa ananmusifo apem nkɔ Yehowa Adansefo nnanan “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no bi wɔ Santiago, Chile. Ná eyi ne bere a edi kan a wɔato nsa afrɛ Argentina Adansefo no sɛ wontu kwan sɛ kuw kɛse nkɔ amannɔne nhyiam.a Wogyee so dɛn? Nnipa bɛboro 8,500 na wɔkyerɛw sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ bi, na wɔpaw ananmusifo 1,039.
Wɔfaa bɔs ahorow 14 tuu kwan yi fii Buenos Aires kɔɔ Santiago a ɛyɛ kilomita 1,400 kwan no. Nneɛma a na ɛwɔ kwan so no maa nnɔnhwerew 26 akwantu no yɛɛ anigye. Bere a wɔretwa Andes Mmepɔw no, ananmusifo no kɔfaa Aconcagua, bepɔw a ɛware sen biara wɔ Atɔe Fam a ne tenten yɛ mita 6,960 no ho. Ade titiriw a wɔn werɛ remfi da ne bon donkudonku a akontonkonton a ɛkɔ Chile no. Wɔbɔɔ wɔn nsam bere tenten maa afirikafo no sɛ wɔkaa bɔs ahorow no wɔ asase a ɛso fa yɛ den no so!
Nanso, na wobehu nneɛma a ɛyɛ fɛ sen biara no ankasa wɔ nhyiam no ase. Wɔ wiase a akodi ne mmusuakuw ntawntawdi ahyɛ no ma mu no, hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ wohuu sɛ nnipadɔm 80,000 a wofi aman 24 mu ahyiam—ɛyɛ amanaman ntam onuayɛ ampa! Bere a wodii kan huu biakoyɛ a ɛwɔ nhyiamfo no mu no, wɔn a wɔka bɔs no mu bi ani gyee ho sɛ wobesua pii afa Yehowa Adansefo ho. Wɔn mu biako kae sɛ: “Minhuu biribiara a ɛte sɛ eyi pɛn!”
[Ase hɔ asɛm]
a Aban anohyeto ahorow a na ɛwɔ Argentina fi 1949 kosi 1982 no nti, na wontumi nyɛ biribi a ɛte saa.