Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/15 kr. 32
  • Bible Som Bo Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Som Bo Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/15 kr. 32

Bible Som Bo Dɛn?

NNANSA yi, Britania Nhomakorabea no gye toom sɛ wobetua sika a ɛreyɛ adu dɔla 1,600,000 de atɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a William Tyndale kyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi kasa mu no biako. Ɛno nkutoo ne Tyndale Bible mũ a edi kan a ɛkae, na wotintimii no mfe 468 ni, ɛmfa ho mmɔden kɛse a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe no. Wɔde Bible yi ayɛ ahwɛde wɔ London.

Wɔtɔɔ Tyndale Bible no fii Bristol Baptist Kɔlege a ɛwɔ England no, na ɛhɔ na wɔakora so fi 1784. Ɔbenfo Roger Hayden, kɔlege boayikuw no titrani abadiakyiri no kae sɛ: “Eyi yɛ ɔman, amammerɛ ne Kristofo nhoma a ehia titiriw na yɛpɛe sɛ edu nnipa pii hɔ, sɛnea yɛde asie akorae ahorow no.”

Wɔ mfehaha mu no, na Bible no wɔ Latin kasa mu titiriw na na asɔfo ne nhomanimfo nkutoo na wotumi kenkan. Tyndale, te sɛ John Wycliff a na odi n’anim no, pɛe sɛ wɔyɛ Bible bi a obiara betumi akenkan ate ase. Bere bi, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo bi a ɔsɔre tiaa no sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn ma me tra hɔ mfe pii a, mɛma abofra a ɔka mmoa ahu Kyerɛwsɛm no mu asen wo.’

Esiane sɛ na asɔfo no sɔre tia mmɔden biara a wɔbɔe sɛ wɔbɛma mpapahwekwa anya Kyerɛwnsɛm no bi nti, na eyi yɛ adwuma a ɛyɛ hu. Enti, Tyndale guan fii England kɔɔ Germany. Ɛhɔ na ɔkyerɛɛ “Apam Foforo” no ase fii Hela Kasa a wodii kan de kyerɛwee no mu. Wotintim bɛyɛ 3,000 faa sum ase kɔɔ England. Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ London no de nea ohui biara bae bɛhyee no baguam wɔ Ɔhotefo Paulo asɔredan no adiwo hɔ. Awiei koraa no, wɔkyeree Tyndale, dii n’asɛm, buu no fɔ sɛ ɔyɛ ɔwaefo. Wɔ 1536 mu no, wɔsɛn no hyew no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ ɛnnɛ, Bible a na asɔfo no kyi koraa no som bo kɛse saa!

Yehowa Adansefo fi komam bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu nokware nimdeɛ no bɛma wɔn a wɔhwehwɛ nyinaa. Nea ɛka Bible afoforo a wotintim na wɔkyekyɛ ho no, wɔn ankasa akyerɛ Bible mũ no ase afi mfitiase kasa ahorow a wɔde kyerɛwee no mu pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkenkan. Eduu 1995 no, na wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures yi bɛboro 74,000,000 wɔ kasa ahorow 12 mu. Nokwarem no, ɛbo a Bible biara som ankasa ne ne nkwa nsɛm a ɛde ma no.

[Kratafa 32 mfonini]

William Tyndale

[Asɛm Fibea]

Bibliothèque Nationale tete mfonini bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena