Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/15 kr. 29
  • “Nkyene a Metɔn” wɔ Mozambique

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nkyene a Metɔn” wɔ Mozambique
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/15 kr. 29

“Nkyene a Metɔn” wɔ Mozambique

FRANCISCO COANA a ɔyɛ Mozambique man mu boayikuw no muni no dii mfe du wɔ “adwumayɛban a wɔde ntetee foforo ma” no mu. Ɔka ne suahu sɛ: “Ná minim sɛ yɛbɛtra ha akosi bere bi, enti mibisaa ɔmansin sohwɛfo sɛ ebia metumi akɔ so ayɛ daa ɔkwampaefo anaa. Esiane sɛ ɛkame ayɛ sɛ na adwumayɛban no mufo dodow no ara yɛ Yehowa Adansefo nti, obisae sɛ mɛyɛ dɛn atumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma no? Mekae sɛ mɛkɔ Milange, kurow a ɛwɔ kilomita 47 no, akɔhwehwɛ nkurɔfo aka asɛm no akyerɛ wɔn.

“Ɛwom sɛ na mmara mma kwan sɛ yebepue afi adwumayɛban no mu de, nanso wɔanyɛ katee wɔ mmara yi sodi ho. Mekae sɛ mekɔɔ wuram kɔkotow bɔɔ mpae de hwehwɛɛ ɔkwan a mɛfa so aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no. Yehowa tiee me ntɛm ara.

“Mihuu ɔbarima bi a ɔwɔ sakre, na me ne no yɛɛ nhyehyɛe. Ɔpenee so sɛ sɛ medɔw n’asase a ɛyɛ hɛkta 3/4 ma no ansa na adu sutɔ bere a, ɔde sakre yi betua me ka. Enti medɔw n’afuw no anɔpa biara. Yehowa hyiraa nhyehyɛe yi so, efisɛ awiei koraa no, me nsa kaa me sakre no.

“Nea efii mu bae ne sɛ mitumi kɔɔ Milange a ɛyɛ kurow a ɛsõ no mu kɔtoaa m’akwampae adwuma no so wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asasesin a ɛsow aba yi mu. Esiane sɛ na wɔabara yɛn adwuma no nti, na ɛsɛ sɛ minya ɔkwan bi a mɛfa so aka nokware no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Bere a mede nhoma ne nsɛmma nhoma ahyɛ me soro atade mu no, mede nkyene guu bag bi mu na mekɔe sɛ merekɔtɔn. Sɛ́ anka mɛtɔn no meticais 5 no, meka sɛ ne bo yɛ meticais 15. (Sɛ na ɛyɛ fow dodo a, anka nkurɔfo bɛtɔ ne nyinaa, na merennya nkyene biara ntɔn mfa nka asɛm no bio!) Mifii me nkɔmmɔbɔ no ase wɔ ɔkwan a ɛte sɛ nea edi so yi so:

“‘Mema wo akye! Metɔn nkyene nnɛ.’

“‘Ne bo yɛ ahe?’

“‘Meticais dunnum.’

“‘Mentɔ. Ne bo yɛ den dodo!’

“‘Yiw, ɛyɛ ampa sɛ ne bo yɛ den. Nanso sɛ wudwen sɛ ne bo yɛ den seesei a, wo de, twɛn kakra hwɛ, efisɛ ne bo bɛyɛ den asen saa daakye. Wunim sɛ wɔkaa eyi ho asɛm siei wɔ Bible no mu?’

“‘Menkenkanee ɛno da wɔ me Bible mu.’

“‘Nanso, ɛwom. Fa wo Bible bra na menkyerɛ wo.’

“Ɛdenam ɛno so no, yɛde ne Bible no fi nkɔmmɔbɔ ase, ma enti na me de no betumi akɔ so ahyɛ m’atade no mu. Ná metwe adwene si Adiyisɛm ti 6, a ɛfa tebea a emu yɛ den ne aduankɔm ho no so. Sɛ mihu sɛ wɔretie no yiye a, miyi Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu anaasɛ Asɛmpa a Ɛbɛma W’ani Agye no, na mifi Bible adesua ankasa ase.

“Nea efii mu bae ne sɛ mitumi fii kuw a anigyefo 15 na wɔwom ase wɔ Milange. Nanso ankyɛ na atumfoɔ no huu yɛn dwumadi no. Da bi a mereyɛ Bible adesua no, polisifo bɔ wuraa fie hɔ bɛkyeree yɛn. Wɔde yɛn nyinaa, a abusua no mu mmofra nkumaa ka ho koguu kurow no mu afiase. Bere a yedii ɔsram biako wɔ hɔ no, wɔsan de yɛn nyinaa kɔɔ adwumayɛban no mu bio.”

Saa osuahu ahorow yi amma nsi a yɛn nuanom no wɔ no ammrɛ ase. Nea ɛne no bɔ abira no, Francisco ne n’abusua ne wɔn nuanom mpempem pii a na wɔwɔ adwumayɛban no mu no resom, na wɔreka asɛm no seesei wɔ ahofadi mu wɔ Mozambique.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena