Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/15 kr. 32
  • Nhomanimfo bi Ani Sɔ New World Translation

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhomanimfo bi Ani Sɔ New World Translation
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/15 kr. 32

Nhomanimfo bi Ani Sɔ New World Translation

SƐNEA Hela animdefo nhoma ho Ɔbenfo Rijkel ten Kate kyerɛ no, Dutch Bible nkyerɛase ahorow no antumi ankyerɛ nsɛmfua bi ase pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, yehu Hela nsɛmfua ahorow abiɛsa (breʹphos, pai·diʹon, ne pais) a wɔde kaa Yesu nyin ho asɛm wɔ Luka ti 2. Nsonsonoe kakra wɔ nea nsɛmfua yi mu biara kyerɛ mu. Nanso, wɔ Bible ahorow pii mu no, wɔakyerɛ saa nsɛmfua yi ase wɔ ɔkwan a emu nna hɔ so sɛ “abofra.” Dɛn ne nkyerɛase a ɛteɛ no?

Ɔbenfo ten Kate kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ nkyekyem 12 no Hela asɛmfua breʹphos no kyerɛ “obi a wɔawo no foforo, anaa akokoaa.” Pai·diʹon, a wɔde dii dwuma wɔ nkyekyem 27 no kyerɛ “abarimaa kumaa, anaa abofra,” na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ pais, a wohu wɔ nkyekyem 43 no ase “abarimaa.” Ɔbenfo ten Kate kyerɛwee wɔ Bijbel en Wetenschap (Bible ne Nyansahu), March 1993 de no mu sɛ: “Sɛnea minim no, Dutch nkyerɛase biara nni hɔ a akyerɛ eyi ase pɛpɛɛpɛ, kyerɛ sɛ ɛne mfitiase nkyerɛwee no nhyia koraa.”

Akyiri yi, wɔde New World Translation of the Holy Scriptures a ɛwɔ kasa ahorow 12 mu a Dutch ka ho no bi kyerɛɛ Ɔbenfo ten Kate. Dɛn na ɔkae wɔ ho? Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ Dutch Bible bi ankasa wɔ hɔ a ɛkyerɛkyerɛ akwan soronko a wɔde Hela nsɛmfua abiɛsa breʹphos, pai·diʹon, ne pais no dii dwuma no mu.” New World Translation no kyerɛ saa nkyekyem yi ase ma ɛne mfitiase Hela nkyerɛwee no hyia? Ɔbenfo ten Kate bua sɛ: “Ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena