“Ɛyɛ Abɔdansɛm”
“ESIANE sɛ akodi fi ase wɔ nnipa adwenem nti, nnipa adwenem na ɛsɛ sɛ yɛto asomdwoe ho afasu no.” (Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ Ho Nsɛm so Mmara) Bere a na saa asɛm yi wɔ abenfo bɛboro 500 a wɔkɔɔ Amanaman Nkabom nhyiam bi a ɛfa akodeyɛ a wobegyae ho no adwenem wɔ 1993 mu no, wosusuw dwuma a nyamesom betumi adi wɔ saa afasu no a wɔbɛto no ho.
Jonathan Granoff, a ogyinaa Mmaranimfo Nkabom Kuw ma Wiase Asomdwoe ananmu na ɔyɛɛ nhyiam no titrani. Ɔkae sɛ: “Baabi a nyamesom ne mmusua ntam akodi akodu no nkyerɛ anibue, ɛyɛ abɔdansɛm.” Ɛfata sɛ wɔfaa John Kenneth Galbraith nsɛm kae wɔ nhyiam no ase sɛ: “Wɔakunkum nnipa pii wɔ nyamesom din mu sen wɔn a akodi ne asiane ahorow nyinaa akunkum wɔn.”
Ɔbenfo Seshagiri Rao kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo sa yare na ɛnsɛ sɛ wɔma nyarewa tu pete. Ɛnsɛ sɛ nyamesom atetesɛm ma ɔtan ne akodi a atirimɔdensɛm wom a nnipa di tia wɔn ho wɔn ho trɛw. Ɛsɛ sɛ ɛde nkabom ba. Nanso nokwarem no, akɔ so ayɛ ade a ɛde mpaapaemu ba, na ɛda so ara te saa.”
Mfe bi a atwam no, Catholic Herald a ɛwɔ London kae sɛ “asɔre ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nyinaa ka bom kasa tia akodi a,” asomdwoe betumi aba. Nanso, atesɛm krataa no de kaa ho sɛ: “Yenim sɛ eyi ntumi mma da.” Katolekni bea kokorani bi kae bere bi sɛ: “Sɛ yɛn nyinaa nyan da koro anɔpa na yesi yɛn bo pintinn sɛ yenni ako bio, . . . te sɛ Yehowa Adansefo a, hwɛ sɛnea anka wiase no bɛyɛ soronko!”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Tom Haley/Sipa Press