Asuade a Yenya Fi Nnomaa ne Nhwiren Hɔ
DƐN na nnipa dwen ho kɛse nnɛ sen biribi foforo biara? Wɔ dodow no ara fam no, ɛyɛ sika pii a wobenya de ahwɛ wɔn mmusua anaasɛ sɛnea wobetumi ama wɔn asetra atu mpɔn.
Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, na sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa nsa bɛka wɔn asetra mu ahiade nso yɛ dadwen kɛse. Nanso ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ saa ahiade yi ho adwennwen a ɛyɛ ne kwan so yi betumi abɛyɛ dadwen a ebedi wɔn so ma wɔato wɔn adwene mu wɔ honhom fam nneɛma ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu asɛm no mu ada hɔ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwɛ nnomaa ne nhwiren.
Ehia sɛ nnomaa didi da biara da—sɛ wɔkyekyem a wodidi sen yɛn esiane sɛ aduan yɛ adwuma ntɛm wɔ wɔn mu nti. Nanso, wongu na wontwa, na wɔmmoaboa aduan ano nsie mma daakye. Nanso, sɛnea Yesu kae no, yɛn “soro Agya yɛn wɔn.” (Mateo 6:26) Saa ara na Onyankopɔn fura “wuram sukooko” ntama ma ɛyɛ fɛ.—Mateo 6:28-30.
Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yenya honam fam ahiade ho adwene a ɛfata, na yɛde yɛn adwene si honhom fam nneɛma so a, Onyankopɔn bɛhwɛ sɛ yɛn nso yebenya aduan ne ntama a yehia. Sɛ Yehowa Nyankopɔn hwɛ nnomaa ne nhwiren a, ɛda adi sɛ ɔbɛhwɛ wɔn a wɔdɔ no na ‘wɔkɔ so hwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan’ no nso. (Mateo 6:33) Wode Onyankopɔn Ahenni no ho nneɛma redi kan wɔ w’asetram?