Osuro—Adamfo Anaa Ɔtamfo?
“Misusuw ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so wu ho. Mempɛ sɛ wɔtow me tuo, na sɛ wɔbɛtow me tuo a, mepɛ sɛ wɔtow bɔ me tirim pɛɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a mewu amonom hɔ ara.”
LOS ANGELES TIMES atesɛm krataa ho sɛnkyerɛwfo bi tee saa asɛm no fii abeawa bi a wadi mfe 14 hɔ. Ná ɔrebisabisa sukuufo nsɛm fa nnipakum a ɛrekɔ so nnansa yi ho—mmofra a wɔrekunkum mpanyimfo ne mmofra foforo. Wɔtoo amanneɛbɔ no din sɛ: “Wiase a Osuro Wom.”
Wunim sɛ nnipa pii te wiase bi a osuro wom mu. Dɛn ho suro? Ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka osuro biako bi ho asɛm. Hwɛ sɛ wubetumi ahu nneɛma a w’ayɔnkofo anaa nnipa pii suro wɔ mo mpɔtam hɔ no wɔ adaka a ɛwɔ ha no mu a. Adaka no fi November 22, 1993 Newsweek mu, na ɛkyerɛ nea efii nsɛm a wobisabisaa “mmofra 758 bi a wɔadi fi mfe 10 kosi 17, ne wɔn awofo” mu bae.
Sɛ ɛnnɛ na wobisabisaa saa mmofra no nsɛm a, anka wɔbɛka nneɛma foforo a wosuro, te sɛ asasewosow, aka ho. Wɔ asasewosow a ɛyɛ hu a esii wɔ January 1994 mu, wɔ Los Angeles akyi no, Time bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nea ɛka amanehunu a ɔhaw no de bae ho ne amanehunu a egyinagyina ani so a ennyae, adaeso a ɛyɛ hu, ahwɛyiye ntraso ne obi asetra a ontumi nni so ho abufuw.” Odwumayɛni bi a na ɔretu afi saa beae no kae sɛ: “Adesɛe no nyɛ hwee. Ɛde ehu aba. Wokɔda abansoro dan a ɛwɔ ase mu bere a wohyɛ wo mpaboa. Wonna. Wotra ase kɛkɛ twɛn sɛ ɛbɛba anadwo biara anaa. Ɛnyɛ asɛm papa.”
Amanneɛbɔ bi a efi Tokyo bae April 11, 1995, mu no asɛmti ne “Asiane a Esisi Toatoa So no Ama Japanfo Abɔ Hu.” Ɛkae sɛ: “Mframa bɔne a esiw ahome ankasa ntua . . . no haw Japanfo adwene efisɛ ɛbae sɛ nsɛm a esisi toatoa so a ɛka boom de daakye ho adwenem nnaayɛ titiriw foforo bae no fã. . . . Nkurɔfo nte nka bio sɛ wɔwɔ ahobammɔ wɔ mmɔnten so akwan a bere bi na agye din sɛ ɛso fa nyɛ hu awia ne anadwo no so.” Na ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nkutoo na wosuro. “Ɔbenfo Ishikawa [a ɔwɔ Seijo Sukuupɔn mu no] kae sɛ dadwen no . . . yɛ kɛse ma mmofra a mpɛn pii no, wonnim nea ɛbɛba daakye ho hwee no titiriw.”
Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ “ehu a ebunkam so a ɛba mpofirim no ama nsakrae aba amemene mu nnuru mu, na ɛma nnipa koma bɔ wɔn twi mpɛn pii wɔ mfe du du pii akyi mpo.” Nyansahufo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛte sɛnea amemene no di tebea bi a ɛyɛ hu ho dwuma—sɛnea yesusuw nneɛma ho, na ɛma ehu ka yɛn—no ase. Ɔbenfo Joseph LeDoux kyerɛwee sɛ: “Sɛ yehu akwan a amemene mu ntini no fa so ma abɔde bi tumi bɔ hu no a, yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ saa nkae yi ho ade biara mu.”
Nanso, osuro a egyina nipadua mu nnuru anaa amemene so no ho asɛm nhia yɛn mu dodow no ara kɛse. Ebia nea yɛn ani begye ho ankasa ne nsemmisa te sɛ, Dɛn nti na yesuro? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade? Osuro biara ye? ho mmuae.
Ebia wubegye atom sɛ osuro betumi aboa wo mmere bi. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ade asa na worekɔ wo fie. Ɛwom sɛ wotoo wo pon mu yiye de, nanso na abue kakra. Wuhu fi mpomma mu sɛ nea obi nenam ɔdan no mu. Wobɔ hu ntɛm ara, na wuhu sɛ biribi atoto ankasa. Ebia owifo anaasɛ obi a okura sekan aba ɔdan no mu.
Nkate mu a wubefi asuro tebea horow a ɛtete saa no betumi abɔ wo ho ban afi tebea bi a asiane wom a wobɛkɔ akɔtom awerɛfirim no ho. Osuro betumi aboa wo ma woayɛ ahwɛyiye anaa woahwehwɛ mmoa ansa na woahyia bɔne bi a ebetumi aba. Nhwɛso a ɛtete saa pii wɔ hɔ: sɛnkyerɛnne bi a ɛbɔ wo kɔkɔ sɛ anyinam ahoɔden tumi kɔ soro; radio so amanneɛbɔ bi a ɛkyerɛ sɛ ahum rebetu wɔ mo mpɔtam hɔ; wote dede bi a ano yɛ den fi wo kar mu bere a wonam ɔkwan a ɛso akyere so no.
Nokwarem no, osuro a yebenya no betumi ayɛ yɛn adamfo wɔ tebea bi mu. Ebetumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban anaa yɛayɛ ade nyansam. Nanso, wunim yiye sɛ osuro a yebenya daa anaa nea emu yɛ den no nyɛ adamfo ankasa. Ɛyɛ ɔtamfo. Ebetumi ama obi ahome atew, ne koma abɔ ntɛmntɛm, watɔ piti, ne ho apopo, ne bo afono no, na n’ani nnye baabi a ɔte no.
Ebia w’ani begye ho kɛse sɛ Bible no kae sɛ ahude a ɛbɛba asase so ne osuro a emu yɛ den bɛhyɛ yɛn bere yi agyirae. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa, na nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ enya wɔ w’asetra ne wo nsusuwii so? Afei nso, dɛn nti na yebetumi agyina Bible no so aka sɛ, osuro bi wɔ hɔ da biara da a ɛboa na ɛyɛ papa ankasa? Ma yɛnhwɛ.
[Kratafa 3 adaka]
Bere a wobisabisaa mpanyin ne mmofra nea ɛhaw wɔne wɔn mmusua titiriw no, wɔkae sɛ wosuro:
MMOFRA AWOFO
56% Nsɛmmɔnedi a basabasayɛ wom a wɔyɛ tia obusuani bi 73%
53% Sɛ ɔpanyin bi bɛhwere n’adwuma 60%
43% Sɛ wontumi ntɔ wɔn ano aduan 47%
51% Sɛ wontumi nnya oduruyɛfo a ɔbɛhwɛ wɔn 61%
47% Sɛ wontumi nnya ofie ntra mu 50%
38% Sɛ abusua muni bi de nnubɔne bedi dwuma 57%
38% Sɛ wɔn abusua mu bɛtetew 33%
Baabi a efi: Newsweek, November 22, 1993