‘Sɛnea Dade Sew Dade Ano Ara Pɛ’
ƐDE rekɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. awiei no, aberante mmɔdenbɔfo bi a na wɔfrɛ no Anthony, a wɔka ne ho asɛm sɛ “Misraim Kristoni” mmɔdenbɔfo no, tu fii nnipa mu na ne nkutoo kɔtraa sare so mfe 20. Dɛn ntia? Osusuwii sɛ na ɛno ne ɔkwan pa a ɛsen biara a obetumi afa so asom Onyankopɔn. Ɔno ne Kristoman mu kokorani anaa ɔhotuani a odi kan a na wobu no.
Ɛnnɛ Kristoman nkokorafo yɛ kakraa bi pɛ. Nanso ankorankoro pii no ara na wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho ɔkwan foforo so. Wɔkwati sɛ wɔne afoforo bɛbɔ nyamesom ho nkɔmmɔ, bere a wosusuw sɛ kasa a ɛte saa kowie akyinnye ne ntɔkwaw mu no. Wɔn som ara ne sɛ wɔnyɛ wɔn yɔnko bɔne.
Ɛyɛ nokware, yɛ a obi nyɛ ne yɔnko bɔne nso yɛ nokware som fã, nanso pii ho hia. Tete bɛ bi ka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Nokwasɛm no ne sɛ, Bible no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonhyiam, ɛnyɛ sɛ wɔbɛtew wɔn ho koraa afi wiase no anaa Kristofo foforo ho. (Yohane 17:14, 15) Ɛka sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.” (Hebrifo 10:24, 25) Yehowa Adansefo de saa afotu no di dwuma. Mpɛn pii wɔ nnawɔtwe biara mu no, wohyiam ‘sew wɔn ho wɔn ho anim,’ hyɛ mfɛfo gyidifo den. Wohu sɛ Bible no a wofi nokwaredi mu susuw ho no nkowie ntɔkwaw mu. Mmom no, ɛkowie biakoyɛ ne asomdwoe mu. Ɛyɛ nokware som fã titiriw.