Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 1/15 kr. 32
  • Fa Nsa A Ɛho Tew Som Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsa A Ɛho Tew Som Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 1/15 kr. 32

Fa Nsa A Ɛho Tew Som Yehowa

ODWONTOFO Dawid fi honhom mu too dwom sɛ: “Mɛhohoro me nsa, bemdi mu, na matwa w’afɔremuka ho mahyia, Awurade.”—Dwom 26:6.

Wɔ nsɛm yi hyehyɛ mu no, ɛbɛyɛ sɛ na Dawid de reka Israel Lewifo asɔfo amanne a ɛne sɛ wɔforo afɔremuka atrapoe no na afei wɔde wɔn afɔrebɔde no ato gya no so no ho asɛm. Nanso ansa na asɔfo no bɛyɛ ɔsom mu ade a ɛte saa yi, na wɔhwehwɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. Ná eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wobu no adewa. Sɛ ɔsɔfo bi anyɛ ade a edi kan yi a, na obetumi ahwere ne nkwa!—Exodus 30:18-21.

Sɛnkyerɛnne kwan so aguare ma obi ho tew wɔ honhom ne abrabɔ fam. (Yesaia 1:16; Efesofo 5:26) Yehowa pɛ sɛ nnɛ ‘yetwa n’afɔremuka ho hyia’ denam som a yɛbɛsom no no so. Nanso ɔhwehwɛ sɛ yɛde nsa a ɛho tew yɛ saa—sɛnea Dawid kaa no no, nsa a wɔahohoro ho “bemdi mu.” Eyi nyɛ ahwehwɛde a ɛho nhia, efisɛ wɔn a wɔyɛ afide no rennya Onyankopɔn Ahenni. (Galatifo 5:19-21) Asetra a nnwuma pa wom no mma obi hokwan sɛ ommu bra bɔne. Enti ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.”—1 Korintofo 9:27.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ ɔsoro adom ne nokware anigye no de nsa a ɛho tew som Yehowa. Te sɛ Dawid no, wɔnantew wɔ ‘koma mu pɛyɛ ne tẽe mu.’—1 Ahene 9:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena