Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 4/1 kr. 31
  • Gyidi Na Ɛkaa No Ma Ɔyɛɛ Ade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi Na Ɛkaa No Ma Ɔyɛɛ Ade
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 4/1 kr. 31

Gyidi Na Ɛkaa No Ma Ɔyɛɛ Ade

BERE a Yehowa hyɛɛ Mose sɛ onni Israel man anim mfi Misraiam nkoasom mu no, mfiase no, Mose srɛe, kae sɛ: “Wo kyɛw ni, Awurade! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w’akoa kasae yi, m’ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru.” (Exodus 4:10) Yiw, Mose tee nka sɛ na ɔmfata mma dwumadi kɛse a ɛte saa.

Saa pɛpɛɛpɛ na nnɛ, ɛtɔ da bi a Yehowa asomfo pii te nka sɛ wontumi nni asɛyɛde ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, Kristoni panyin bi a wɔfrɛ no Theodore ka sɛ: “Wɔ nneɛma a Yehowa ka sɛ menyɛ nyinaa mu no, asɛnka adwuma no ne nea ɛyɛ den sen biara. Bere a na meyɛ abofra no, na mede ahoɔhare kɔ ɔpon ano yɛ te sɛ nea mabɔ dɔn a ɛbɔ pon ho no, na meyɛ ntɛm fi hɔ a mehwɛ kwan sɛ obiara nte me nka anaa onhu me. Bere a minyin kakra no, migyae saa yɛ, nanso na apon ano a mɛkɔ ho a misusuw no bɔ me yare. Ɛde besi nnɛ mpo, ansa na mefi adi akɔyɛ ɔsom adwuma no, meyɛ bosoo, nanso ne nyinaa akyi no mekɔ.”

Dɛn na ɛboaa Mose ne nnɛyi Adansefo te sɛ Theodore ma wotumi gyinaa ehu a ɛte sɛɛ ano? Bible bua sɛ: “Gyidi nti na [Mose] ogyaw Misraim . . . , na omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.”—Hebrifo 11:27.

Ampa, ɛdenam Yehowa mu gyidi a onyae so no, Mose tumi dii atenka a onyae sɛ ɔmfata no so na ɔyɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔtemmufo, odiyifo, ɔman kannifo, Mmara apam no ntamgyinafo, ɔsahene, abakɔsɛm kyerɛwfo, ne Bible kyerɛwfo no.

Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ yenya gyidi te sɛ Mose a, yɛbɛnantew te sɛ nea ‘yehu Nea wonhu no’ no. Gyidi a ɛte saa kanyan akokoduru, na ɛboa yɛn ma yedi yɛn Kristofo asɛyɛde horow ho dwuma—sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata mpo a.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena