“Ɛyɛ Yehowa Nsa Ano Adwuma”
Ɛno ne asɛm bi a ɛbaa El Norte, atesɛm krataa bi a ɛwɔ Monterrey Kuropɔn a ɛwɔ Mexico, mu no asɛmti. Na asɛm no fa Yehowa Adansefo Nhyiam Asa foforo bi ho.
Monterrey yɛ kuropɔn a emu nnipa yɛ 2,300,000 (a ne nkurotia ka ho) wɔ Mexico kusuu fam, na Ahenni adawurubɔfo 19,200 na ɛwɔ hɔ. Adansefo no kaa wɔn ti boom bɛyɛ afe ne fã, sii Nhyiam Asa fɛfɛ a ɛfata a ɛwɔ nkongua a ɛso tra yɛ ahomeka 3,000 ne air conditioner. Ɛhɔ Adansefo no ani gyei bere a Yehowa Adansefo Sodikuw no muni maa dan so hyira kasa no. Nea na ɛka dwumadi no ho ne Monterrey adwuma no ho abakɔsɛm tiawa bi a wɔkae, na wobisabisaa wɔn a wonyaa ɔdansi no mu kyɛfa nsɛm. Afei nnipa 4,500 a wɔbaa nhyiam no de anigye tiee dan so hyira kasa no.
Eyi ne Nhyiam Asa a ɛto so abiɛsa wɔ nea wɔasisi wɔ Mexico nnansa yi wɔ nea wɔaka ho asɛm sɛ ɔsatu a wɔde repɛ “Ahenni Asa ne Nhyiam Asa Pii, Nea Ɛsõsõ na Ɛwɔ Ahoɔden” no mu.
Esiane sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ Mexico no boro 443,000, na nnipa 1,492,500 na wɔkɔɔ Nkaedi no wɔ 1995 mu nti, akyinnye biara nni ho sɛ Nhyiam Asa afoforo te sɛ nea ɛwɔ Monterrey no bedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma.