Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • “Awurade, Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛtɔ da bi a yɛte sɛ anuanom ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm anaa wɔbɔ mpae sɛ ɛmmra asase so. Eyi yɛ asɛm a ɛteɛ?

Sɛ yɛbɛka paa a, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfa so ka nneɛma ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu ne no. Onyankopɔn Ahenni yɛ ɔsoro de. Enti, na ɔsomafo Paulo betumi akyerɛw sɛ: “Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.”—2 Timoteo 4:18; Mateo 13:44; 1 Korintofo 15:50.

Wɔde Ahenni no sii soro wɔ 1914 mu, na wɔremfa mma Paradise asase a wɔbɛsan de asi hɔ no so anaa baabi foforo biara. Yesu Kristo ne Ahenni no so Hene. Sɛ́ Ɔhene no, Yesu wɔ abɔfo no so tumi. Enti, baabi a ɛfata a obedi tumi no wɔ Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro. Kristofo a wɔasra wɔn no bɛka ne ho sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro.—Efesofo 1:19-21; Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6.

Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so de adesrɛ a ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no fã bi a ɛka sɛ: “W’ahenni mmara, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no mu no to Onyankopɔn anim bio? (Mateo 6:10) Nea ɛne no bɔ abira no, saa mpaebɔ no fata na ɛda so ara kyerɛ nneɛma pii.

Onyankopɔn Ahenni no bedi asase yi so tumi daakye, na eyi na ɛwɔ yɛn adwene mu bere a yɛbɔ mpae ka nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no mu no. Sɛ nhwɛso no, Daniel 2:44 hyɛ nkɔm sɛ Ahenni no ‘bɛba’ abɛsɛe aman nyinaa na ebedi asase yi so. Adiyisɛm 21:2 ka Yerusalem Foforo a efi soro resian ho asɛm. Kristofo a wɔasra wɔn 144,000 a wɔbɛyɛ Kristo ayeforo no na wɔyɛ Yerusalem Foforo no. Wɔyɛ Yesu yɔnko adedifo nso wɔ Ahenni no mu. Enti Adiyisɛm 21:2 ka wɔn adwene a wɔdan ba asase so ho asɛm sɛ ɛde nhyira kɛse brɛ adesamma anokwafo.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Enkosi sɛ eyinom ne nkɔmhyɛ afoforo a ɛyɛ anigye benya ne mmamu no, ɛbɛkɔ so ayɛ papa sɛ yɛbɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae ma ɛne Yesu nsɛm, “W’ahenni mmra” no ahyia. Nanso ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Ahenni no remma okyinnsoromma a ɛne Asase yi so ankasa. Ahenni nniso no bɛtra soro, ɛnyɛ asase so.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Asase: Egyina NASA mfonini so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena