Ɔde Ahobrɛase Som Yehowa
“ƐNYƐ faako a wosom no na ehia titiriw, na mmom nea wosom no no.” Na John Booth pɛ saa asɛm no ka, na ɔde dii dwuma. N’asase so asetra a ɛbaa awiei wɔ Dwoda, January 8, 1996, no daa nea ɔpawee sɛ ɔbɛsom no no adi pefee.
Sɛ́ aberantewa wɔ 1921 mu no, na John Booth rehwehwɛ atirimpɔw wɔ asetra mu. Ɔkyerɛɛ ade wɔ Dutch Reformed Asɔre no Mmofra asɔre mu, nanso na n’ani nnye ho sɛ ɔbɛma wɔatete no ma wabɛyɛ ɔsɔfo efisɛ ɔtee nka sɛ asɔfo asetra yɛ pɛsɛmenkominya de. Bere a ohuu ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” ho dawurubɔ pon no, ntɛm ara na ɔkraa nhoma a ɛbɔɔ ho dawuru no bi. Esiane sɛ nea ɔkenkanee no kanyan no nti, ankyɛ na ofii ase de sakre twaa kilomita 24 kɔɔ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, nhyiam ahorow. Wɔbɔɔ no asu wɔ 1923 mu na ofii ase kaa asɛm no wɔ afie afie wɔ Wallkill, New York, mpɔtam hɔ, faako a na n’abusua wɔ nufusu ne kyiisi adwumayɛbea no.
Onua Booth baa bere nyinaa som adwuma no mu wɔ April 1928 mu. Ɔkaa asɛm no wɔ ne mpɔtam hɔ ne nkuraa a ɛwɔ Kesee fam no ase, na na ɔtɔn Bible ho nhoma ahorow de nya aduan ne atrae. Na ɛsɛ sɛ ɔde akokoduru gyina asiane bi te sɛ nsafrae wuranom a mmara mma wɔn kwan a wɔtotow tuo, a wɔn mu biako bɔɔ John Booth ɔkwampaefo hokafo tuo piraa no no ano. Wɔ 1935 mu no, wɔpaw Onua Booth sɛ ɔhwɛfo kwantufo ma ofii ase srasraa asafo ahorow ne akuw nketewa a ɛwɔ nkuraase. Ɔyɛɛ ɔmansin nhyiam horow ho nhyehyɛe na ɔboaa anuanom mmarima ne mmea ma wogyinaa wɔn mudi mu a ɔsɔretia mfa ho. Basabasayɛfo akuw a wɔn bo afuw a ɔne wɔn hyiae, asɛnnibea a ɔkɔe, ne afiasenna nyinaa bɛyɛɛ nneɛma a na ɛtaa toto Onua Booth. Bere bi ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ mereka saa mmere titiriw no ho asɛm a, ebegye nhoma biako.”
Wɔ 1941 mu no, Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no maa Onua Booth kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahenni Afuw, a ɛbɛn Ithaca, New York no mu. Ɔde nokwaredi som wɔ hɔ mfe 28. Ɔsom adwuma no ho dɔ a na ɔwɔ no ankɔ fam, na n’ani gyei sɛ ɔne Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a na ɛwɔ Ahenni Afuw mu hɔ de besi 1961 no adesuafo mpempem pii nyaa fekubɔ wɔ mfe a atwam no mu. Wɔ 1970 mu no, wɔfrɛɛ Onua Booth sɛ ɔmmɛsom wɔ Ɔwɛn Aban Mfuw a ɛwɔ Wallkill, New York no mu, ma enti ɔkopuee faako a ofii akwampae adwuma ase bɛyɛ mfe 45 a na atwam no.
Wɔ 1974 mu no, wɔpaw Onua Booth sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw a ɛwɔ Brooklyn, New York, no muni. Ɔde nokwaredi som wɔ saa gyinabea no mu kosi sɛ owui bere a na wadi mfe 93. Ade a ɛma nkurɔfo pɛ John Booth asɛm ne ne Kristofo nipasu a ɛne ahobrɛase ne ayamye kɛse a na ɔwɔ no. Ɛde besi bere a n’akwahosan ne n’ahoɔden kɔɔ fam no, na ɔde nokwaredi ka asɛm no wɔ afie afie ne kurow no mmɔnten so a ɔntotom.
Ɛwom sɛ wɔn a wɔne no boom somee no di awerɛhow sɛ wafi mu de, nanso wonya awerɛkyekye fi Bible bɔhyɛ a ɛfa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔte saa ho, a ɛne sɛ wonyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu na afei nso “wɔn nnwuma di wɔn akyi,” no mu. (Adiyisɛm 14:13; 1 Korintofo 15:51-54) Nokwarem no, ɛyɛ tebea foforo, nanso ɛyɛ nea John Booth betumi asom Yehowa wom daa!
[Kratafa 32 mfonini]
John Booth 1903-1996
[Asɛm Fibea]
Chicago Herald-American