Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/1 kr. 32
  • Kan Ɔtemmufo Bi Pa Kyɛw—Mfirihyia 45 Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kan Ɔtemmufo Bi Pa Kyɛw—Mfirihyia 45 Akyi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/1 kr. 32

Kan Ɔtemmufo Bi Pa Kyɛw—Mfirihyia 45 Akyi

WƆ BERLIN asɛnnibea bi mu wɔ August 1995 mu no, obi a kan na ɔyɛ Asɛnnibea Kunini temmufo no daa n’ahonu adi kyerɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ mfomso a na wadi wɔ mfirihyia 45 a atwam no ho.

Wɔ October 1950 mu no, German Democratic Republic (GDR) Asɛnnibea Kunini no buu Yehowa Adansefo baakron fɔ sɛ wɔyɛ asutufo akwansrafo a wɔsɔretia ɔman. Wɔkae sɛ wɔmfa wɔn mu baanu ngu afiase wɔn nkwa nna nyinaa na wɔde baason a aka—a Lothar Hörnig a na wadi mfe 22 no ka ho, nea wɔabɔ no sobo a efi nifa so ɔto so anan wɔ mfonini no mu—no guu mu mfe pii.

Mfirihyia aduanan akyi no, GDR bɛyɛɛ Federal Republic of Germany no fã. Mpanyimfo ahwehwɛ atɛnkyea ahorow a wobui wɔ kan GDR no mu na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn a wɔyɛɛ saa no aso. Atɛnkyea a ɛte saa no mu biako ne Adansefo no asɛm a Asɛnnibea Kunini no dii wɔ 1950 mu no.

Ná A. T. a seesei wadi mfe 80 no, ka atemmufo baasa a wobuaa atɛn bere a wodii Adansefo baakron no asɛm no ho. Afei a wɔabɔ no atɛnkyea ho sobo no, obegyinaa Ɔmansin Asɛnnibea a ɛwɔ Berlin no anim bɛkyerɛkyerɛɛ n’atemmu no mu.

Wɔ n’asɛm a ɔka kyerɛɛ asɛnnibea no mu no, kan ɔtemmufo no gye toom sɛ ɛwom sɛ ɔpɛe sɛ anka wɔgow atemmu no mu de, nanso ɔpenee afobu atemmu so mfe 45 a atwam ni. Nanso asɛm no ama wasusuw nneɛma ho bio. Dɛn ntia? Nasifo taa Yehowa Adansefo wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu esiane sɛ wɔannyina Hitler akyi nti. Ɔko no akyi no, Komunist nniso no taa Adansefo no bio. Eyi maa ɔtemmufo no “hawee yiye.”

Lothar Hörnig ka kyerɛɛ asɛnni bagua no sɛ odii mfe anum ne fã wɔ afiase dan a obiara nka ne ho mu, na wɔanyi no amfi Brandenburg afiase kosii 1959 mu. Kan temmufo no tee Hörnig asɛm no pɛ, otuee su mu. Ɔde su kae sɛ: “Manu me ho, mesrɛ wo, fa kyɛ me.” Hörnig gyee kyɛwpa no toom.—Fa toto Luka 23:34 ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Neue Berliner Illustrierte

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena