Montete Wɔn Mfi Mmofraase
NNƐYI nhwehwɛmu kyerɛ sɛ “nkokoaa a wɔhyɛ yafunu mu fi awosu mu keka wɔn ho bere a wɔte nnipa nne no.” Winnipeg Free Press ka sɛ North Carolina Sukuupɔn no nhwehwɛmufo “hui sɛ bere a mmaatan kenkanee ade kyerɛɛ wɔn mma a wɔhyɛ yafunu mu no, mmofra a wɔwoo wɔn foforo no kekaa wɔn ho bere a wɔkenkanee nsɛm no bio no.” Sɛ mmea kenkan ade den bere a wɔyem a, eyi betumi aboa kɛse ma wɔde abrabɔ pa ho gyinapɛn adua abofra no mu. Bible ka sɛ na Timoteo ‘fi ne mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no.’ (2 Timoteo 3:14, 15) Ɛda adi sɛ ne maame ne ne nanabea huu mfaso a na ɛwɔ so sɛ wɔbɛtete no fi mmofraase, a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔde ade a wɔkan no den bɛka ho.
Nhoma kyerɛwfo Jim Trelease ka sɛ akenkan yɛ “asetra mu ntetee a tumi wom sen biara wɔ yɛn wiase yi mu nnɛ.” Sɛ wɔkenkan ade den a, ɛboa ma ɔkasa ne nsɛmfua mu ahokokwaw tu mpɔn.
Nyansa wom sɛ wubefi ase akenkan ade den anyɛ yiye koraa no, bere a wohyɛ ase kasa kyerɛ akokoaa no ara pɛ. Ɛwom sɛ mfiase no, wo ba a ɔhyɛ yafunu mu anaa woawo no foforo no rente nea woreka no ase de, nanso mfaso a ɛtra hɔ kyɛ a ebetumi afi mu aba no ma ɛfata. Mmebusɛm 22:6 se: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”
Dɛn na wubetumi akenkan a eye na mfaso wɔ so? Kenkan Bible ma wo ba no nte da biara da. Afei nso kenkan nhoma a mfaso wɔ so te sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu nsɛm.
Ampa, wo ho a wubetu asi hɔ saa kwan yi so no gye bere, nanso ɛnyɛ bere sɛe. Ɛyɛ ɔkwampa a wonam so kyerɛ sɛ wudwen wo ba no ho na wodɔ no.