Nsɛmma Nhoma a Ɛka Koma
WOTINTIM nsɛmma nhoma ahorow pii wɔ wiase nyinaa de dwudwo akenkanfo akɔnnɔ wɔ nsɛm anaa anigyede ho.
Dɛn na ɛma nsɛmma nhoma a ekura wo yi da nsow paa? Ebia krataa a edi so yi a Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Germany no nsa kae no de mmuae bɛma:
“Meda mo ase pii, me nuanom adɔfo, wɔ mo mmɔdenbɔ ne mo adwuma ho. Bere a me ne me mmabarima baanu no fii asafo nhyiam ase bae no, na abɔ anadwo 9:30 de, nanso na ɛsɛ sɛ mitie Ɔwɛn-Aban foforo a aba [a ɛwɔ kasɛt so] no. Bere a na merehohoro nkyɛnsee mu no, mifii ase tiee adesua a edi kan no (April 1, 1995). Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mesan tie bio, enti migyaee adwuma a na mereyɛ wɔ mukaase no, na mekenkanee asɛm [“Wo Som Bo Wɔ Onyankopɔn Ani So!”] wɔ Ɔwɛn-Aban no mu dii kasɛt no akyi. Ɛkaa me koma, titiriw nkyekyem anan ne anum no. Na afei nusu fii ase guu me—nanso ankyɛ. Meda Yehowa ase sɛ mete ase na meka ne nkurɔfo ho, ne sɛ me ne afoforo pii betumi ama wɔahu ne din. Nokwarem no, ntease biara nnim sɛ wobɛte nka sɛ wonsom bo. Yehowa honhom ka ne nkurɔfo ho. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de biakoyɛ bɛkɔ so agyina pintinn wɔ gyidi no mu. Mede Kristofo dɔ kyia mo, mo nuabea a ɔwɔ gyidi no mu.”
Ɛnyɛ nsɛm kɛkɛ na Ɔwɛn-Aban no de ma. Ɛka n’akenkanfo koma na ɛde honhom fam aduan ne afotu a ɛyɛ ne bere mu de a wohia ma. Yiw, Ɔwɛn-Aban no ma “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.”—Mateo 24:45.