Koma a Edwo So Mfaso Horow
NNƐYI aduruyɛ mu nyansahu ahu no bere tenten sɛ abufuw a wɔnhyɛ so no pira nipadua no. Bɛboro mfe ɔha ni no, The Journal of the American Medical Association (JAMA) kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi a ne bo afuw denneennen twa hwe wu a, wɔka sɛ, ebia na ɔwɔ koma a ɛyɛ mmerɛw, a antumi annyina n’adwenem nhyɛso no ano. Ɛte sɛ nea obiara nsusuw sɛ eyi fi abufufa a ɛte saa a atoatoa so akyɛ, a ɛno mmom na ɛde saa mmerɛwyɛ no ba.”
Atifi hɔ nsɛm no nyɛ wɔn a wosua Onyankopɔn Asɛm, Bible, no nwonwa. Bɛyɛ mfeha 29 ansa na JAMA reka asiane ahorow a ɛwɔ bo bɔne mu ho asɛm no, wɔde honhom kaa Ɔhene Salomo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Saa nsɛm yi da so yɛ nokware nnɛ.
Sɛ yɛma yɛn bo dwo a, ɛma yɛkwati nyarewa pii a adwennwene taa de ba, te sɛ mogyammoroso, tipae, ne ɔhome mu nyarewa. Nanso, nea ɛka akwahosan pa ho no, sɛ yɛyere yɛn ho ma ‘abufuw twa na yegyae bo bɔne’ a, yɛne afoforo ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den. (Dwom 37:8) Nkurɔfo fi wɔn pɛ mu twiw bɛn Yesu esiane sɛ na odwo na ofi komam dwen wɔn ho nti. (Marko 6:31-34) Sɛ yenya koma a edwo a, yɛbɛyɛ abotɔyam fibea ama afoforo saa ara.—Mateo 11:28-30.