Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/1 kr. 32
  • Hena na Ɛsɛ sɛ Wɔde Akodi Ho Asodi To Ne So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Ɛsɛ sɛ Wɔde Akodi Ho Asodi To Ne So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/1 kr. 32

Hena na Ɛsɛ sɛ Wɔde Akodi Ho Asodi To Ne So?

SO ONYANKOPƆN so na ɛsɛ sɛ wɔde ako a nnipa adi no ho asodi to? “Dabi, Onyankopɔn mpɛ ɔko.” Saa na Martin Niemöller, Germanni Protestant sɔfo bi a wonim no yiye no buaa saa asɛm yi bere a Wiase Ko II baa awiei akyi bere tiaa bi no. Wotintim n’asɛm no wɔ 1946 mu wɔ nhoma bi a wɔato din, Ach Gott vom Himmel sieh darein—Sechs Predigten (O Onyankopɔn, Fi Soro Hwɛ—Ɔkasa Ahorow Asia) mu.a Nhoma no ka sɛ:

“Obiara a ɔde [akodi] ho asodi bɛto Onyankopɔn so no nnim, anaa ɔmpɛ sɛ ohu Onyankopɔn Asɛm. Nokwarem no, sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔde akodi a ɛba ntoatoaso no ho asodi to yɛn Kristofo so, anaasɛ ɛnte saa no, yɛ asɛm foforo. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu asɛmmisa yi so. . . . Wobetumi akae ma afata nso sɛ Kristofo asɔre ahorow no fi teteete akɔ so de wɔn ho ama ahyira akodi, asraafo, ne akode so, ne sɛ wɔbɔɔ mpae ɔkwammɔne so sɛ wɔnsɛe wɔn atamfo wɔ ɔko mu. Eyinom nyinaa yɛ yɛne yɛn agyanom mfomso, na ɛnsɛ sɛ yɛde asodi no to Onyankopɔn so da. Na yɛn Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ yi afɛre wɔ matew-me-ho kuw bi te sɛ Bible Asuafo Aniberefo [Yehowa Adansefo], a wɔn mu ɔhaha ne mpempem pii kɔɔ nneduaban ahorow mu, na [mpo] wowuwui esiane sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ sraadi mu na wɔpow sɛ wobekum nnipa nti, no anim.”

Ɛnnɛ, Wiase Ko II akyi bɛyɛ mfe 50 ni no, Niemöller nsɛm no ma wɔn a wɔdɔ asomdwoe no nya biribi pa susuw ho. Dabi, ɛnsɛ sɛ wɔde amanaman no mogyahwiegu ho asodi to Onyankopɔn so! Nokwarem no, ɛdenam Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔmfa wɔn ho nhyɛ wiase no akodi mu so no, ɔreka akodi nyinaa a ebegyae nnansa yi ara ho asɛm.—Dwom 46:9; Yohane 17:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Akyiri yi, wotintim Martin Niemöller kasa horow no wɔ Engiresi mu wɔ Of Guilt and Hope nhoma no mu. Nanso Engiresi nkyerɛase no ne German nkyerɛwee no nhyia, enti yɛakyerɛ asɛm yi ase afi German mu tee.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

USAF mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena