So Ne Nyinaa Yɛ Adiyi Nsɛm a Efi Onyankopɔn Hɔ?
SO EBETUMI aba sɛ Onyankopɔn honhom a ɛmaa wɔkyerɛw Kyerɛw Kronkron Bible no nso na ɛmaa wɔkyerɛw nhoma foforo a ebinom bu no sɛ ɛyɛ kronkron no? (2 Timoteo 3:16) Wobisaa saa asɛm yi wɔ Italy Jesuit nsɛmma nhoma (La Civiltà Cattolica), a “[Vatican] Ɔman Akyerɛwfo Adwumayɛbea hwɛ ma wɔkyerɛwee” mu, ma enti Katolekfo bu no sɛ nhoma a edi mũ.
Jesuit nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron adeyɛ so na ɛpetee Asɛm no wɔ nhoma akronkron, nea ɛnyɛ Yudafo ne Kristofo de mu.” Wɔ Jesuitfo no fam no, wɔkyerɛw nhoma “akronkron” te sɛ Soroasta Avesta anaa Konfusio Nhoma Anan no a na “Honhom Kronkron nkɛntɛnso bi ka ho, ma nti, ɔkwan bi so no, ‘Onyankopɔn adiyisɛm’ bi wom.”
Nanso, asɛm no de ho nkyerɛkyerɛmu bi ma. Ɛka sɛ: “Ɛnyɛ nhoma akronkron a ɛte saa no mu nsɛm nyinaa na ɛyɛ Onyankopɔn asɛm,” na ɛde ka ho sɛ ebetumi aba sɛ “abosonsomfo anaa nyansapɛfo” mu a akyerɛwfo no trae no “nyaa wɔn so nkɛntɛnso” wɔ ne kyerɛw mu. Sɛnea Marco Politi, Vatican kyerɛwfo ma Italy atesɛm krataa La Repubblica no kyerɛ no, saa ntease yi “bue kwan ma Katolek Asɔre no ne nyamesom afoforo nya abusuabɔ bi a kan no na wonsusuw sɛ ebetumi ayɛ yiye,” na wɔasan afi gyidi afrafra mpaebɔ nhyiam ahorow te sɛ nea John Paul II de anigye hyɛɛ ho nkuran wɔ Asisi wɔ 1986 mu no ase.
Yehowa nyɛ sakasaka ne ntoto Nyankopɔn. (1 Korintofo 14:33) Enti, yentumi nka mma ɛmfata sɛ ne honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi no bɛma wɔakyerɛw nhoma biara a ɛne N’asɛm, Bible no, nhyia korakora no fã bi mpo. Sɛ́ anka Kristoni ɔsomafo Paulo bɛhyɛ asɔreasɔre a ɛsono wɔn mu biara “som mu gyidi” nkabom ho nkuran no, ɔkyerɛwee sɛ “anidaso biako . . . , Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako” na ɛwɔ hɔ.—Efesofo 4:4, 5.
Saa “anidaso biako” no gyina Yesu Kristo mu gyidi a obi benya so. Bible no ka ma ɛfata sɛ: “Nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:12) “Nhoma kronkron” foforo biara nni hɔ a ɛka Yesu ho asɛm sɛ ɔne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mmamu mu onipa titiriw. Sɛ yegye Bible no tom sɛ ɛno nkutoo ne Onyankopɔn Asɛm a, ɛnna ɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn Yehowa Nyankopɔn dɔ nsiesiei a ɛfa nkwagye ho no ho ade.—Yohane 17:3; 1 Tesalonikafo 2:13.