Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/15 kr. 32
  • Hell Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hell Ho Nokwasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/15 kr. 32

Hell Ho Nokwasɛm

AMANNEƐBƆ bi a efi Church of England nkyerɛkyerɛ asoɛe ka sɛ, sɛɛ na hell nyɛ fononoo a ogya wom; na mmom ɛyɛ baabi a hwee nni. Amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛwɔ nsakrae yi ho nnyinasosɛm pii. Nanso nea ɛka ho ne abrabɔ pa ho kasa a wɔn a wɔyɛ Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ bi no kasa tia ehu a nyamesom yi, ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa ɔpepem pii ayayade a ɛne Onyankopɔn dɔ a Kristo bɛdaa no adi no bɔ abira ho ntease kɛse a wɔrenya no.”

Ɛnyɛ Church of England nkutoo na wɔn ani nnye hell ho atetesɛm yi ho. Ɛyɛ den ma nnipa a wofi asɔre horow mu sɛ wɔbɛsom aweredi Nyankopɔn a ɔhyew abɔnefo no. Jackson Carroll a ɔyɛ nyamesom ne fekuw ho ɔbenfo wɔ Duke Sukuupɔn no Fã a Ɛfa Nyamekyerɛ Ho no ka sɛ: “Nkurɔfo pɛ Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ ne tema. Bɔne ne afobu ho asɛm a wɔka no ne nnɛyi nsusuwii nhyia.”

Yehowa Adansefo fi bere tenten akyerɛ sɛ, sɛnea Bible kyerɛ no, hell yɛ adesamma a wɔawuwu damoa ara kwa—nyɛ baabi a wɔyɛ ayayade wɔ ogya mu. Ɛnyɛ sɛ nnipa pii gye tom nti na wokuraa saa adwene yi mu, na mmom, esiane nea Bible ka no nti: “Awufo de, wonnim biribiara . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [“hell,” Catholic Douay Version].”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Charles Taze Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no gyinaa awufo tebea ho ntease a emu da hɔ yi so kyerɛwee wɔ 1896 mu tɔnn sɛ: “Yenhu [wɔ Bible mu] baabiara a wɔyɛ nkurɔfo ayayade daa sɛnea gyidikasɛm ahorow ne nnwom nhoma, ne asɔfo pii adi mfomso akyerɛkyerɛ no. Nanso, yɛahu ‘hell,’ sheol, hades, a Adam bɔne nti, wobuu nnipa nyinaa fɔ kɔɔ mu, a emu na wɔnam yɛn Awurade wu no so gyee yɛn nyinaa no; ne sɛ, ‘hell’ yɛ ɔdamoa—owu tebea.”

Enti Yehowa Adansefo de mfe ɔha ne akyi akyerɛkyerɛ Bible mu nokwasɛm a ɛfa hell ho no.

[Kratafa 32 mfonini]

Charles T. Russell

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena