Ntwatoso a Woyi Ano Wɔ France
WOTWAA nsɛm pii too Yehowa Adansefo a wɔwɔ France so nnansa yi ara. Bere a wɔfa awerɛhosɛm a esisii wɔ Europa ne Japan nyamesom mu awaefo kuw mu sɛ hokwan no, nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa Adansefo no ho atosɛm. Wodii mfomso kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ awaefo kuw a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ hu sen biara.
Bere a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nsɛm mu ada hɔ no, Yehowa Adansefo tintim nhomawa bi de buaa nsɛmmisa te sɛ: Henanom ne Yehowa Adansefo? So wɔyɛ Kristofo? So wɔpene aduruyɛ so? Dɛn nti na wɔkɔ afie afie? Ɔkwan bɛn so na wonya sika yɛ wɔn adwuma no? Ɔkwan bɛn so na ɔmanfo nya Yehowa Adansefo ho mfaso?
Wɔtoo kratawa a emu da hɔ a ɛwɔ Franse kasa mu no din Yehowa Adansefo—Nea Ehia sɛ Wuhu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔama nnipa pii kratawa no bi no, wɔyɛɛ ɔsatu ho nhyehyɛe. Efi May 13 kosi June 9, 1996 no, wɔkyekyɛɛ nhoma no bɛboro ɔpepem akron.
Nnipa pii a aban mpanyimfo ka ho, ani gyee nhomawa no ho. Bere a ɔmantam baguani bi kenkan kratawa no wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sobo a wɔbɔɔ Yehowa Adansefo no hyɛ me abufuw. Mpɛn pii na m’ani agye mo ayamye ne sɛnea mo adwuma no boa afoforo no ho.” Kratawa no maa Europa Mmarahyɛ baguani bi kyerɛwee sɛ: “Nnipa no mu fã kɛse no ara nim nsonsonoe a ɛda Kristofo kuw a moyɛ ne awaefo kuw ahorow ntam.”
Wɔ Brittany no, Ɔdansefo barima bi de kratawa no bi maa ɔsɔfo bi a ogyee no anigye so. Ɔsɔfo no kae sɛ: “Mema mo amo wɔ adwuma a moreyɛ no ho.” Na ɔtoaa so sɛ: “Mehyɛ m’asɔremma nkuran sɛ wonnye mo wɔ wɔn afie mu mma mo tii nnom. Mubetumi aka akyerɛ wɔn a muhyia wɔn no sɛ moaba me fie. Afei nso mepɛ sɛ meka kyerɛ mo sɛ, m’ani gye mo nhoma horow ho.”
Bere a Protestantni barima bi a ɔte Alsace nsa kaa kratawa no, ɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ ɔpɛ sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua. Ɔkyerɛw sɛ: “Bere a minni ahotoso biara bio wɔ m’asɔre mu no, merehwɛ kwan sɛ mefi ase foforo koraa wɔ honhom mu.” Ɛmfa ho nsɛm a ɛtɔ mmere bi a wotwa to Yehowa Adansefo a wɔwɔ France so—nokwarem no, wiase afã horow nyinaa—no, wɔkɔ so boa nkurɔfo ma wobenya Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ, sɛnea ɛwɔ Bible mu no.—2 Timoteo 3:16, 17.