‘Mede Onyankopɔn Mɛyɛ Me Guandɔbea’
WƆ SAA “mmere a emu yɛ den” yi mu no, sɔhwɛ ne nhyɛso mu kɔ so yɛ den. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔbɛsɔ yɛn nokwaredi ahwɛ wɔ adwumam. Ebia yɛn sukuufo bɛsɔ yɛn ahwɛ wɔ yɛn ahotew ho. Na mpɛn pii no, wiase a aporɔw wɔ abrabɔ fam no sɔ yɛn mũdi mu kura hwɛ.—2 Timoteo 3:1-5.
Bible kyerɛwfo Asaf nso traa ase wɔ bere bi a na abɔnefosɛm abu so mu. Na ne bere sofo no bi mpo de wɔn nneyɛe bɔne hoahoa wɔn ho. Asaf kyerɛwee sɛ: “Ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia, na akokobirisɛm asi wɔn adurade.” “Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm, wɔka akokurokosɛm.” (Dwom 73:6, 8) So wuhu nneyɛe a ɛte sɛ eyi?
Wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ fam no, nneyɛe a ɛte saa no haw wɔn yiye, ebu wɔn abam mpo. Asaf bɔɔ abubuw sɛ: “Wɔahaw me daa adesae.” “Ɛyɛɛ m’ani so den dodo.” (Dwom 73:14, 16) Ebia wobɛte nka saa ara, nanso mpa abaw! Asaf tumi gyinaa ne bere so abɔnefosɛm ano, wo nso wubetumi ayɛ saa ara. Nanso wɔ ɔkwan bɛn so?
Asaf behui sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛrentumi nya atɛntrenee ankasa wɔ nnipa nniso a ɛnyɛ pɛ mu. (Dwom 146:3, 4; Mmebusɛm 17:23) Enti sɛ anka ɔbɛsɛe ne bere, n’ahoɔden, ne ne nneɛma a ɛsom bo abɔ mmɔden sɛ obeyi abɔnefosɛm a atwa ne ho ahyia nyinaa afi hɔ no, ɔde n’adwene sii ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so. Asaf kae sɛ: “Me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me, mede AWURADE [Yehowa, NW] mayɛ me guandɔbea.”—Dwom 73:28.
Ɛnnɛ, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ aguadi bɔne mu taa nya wɔn ho. Ebia bebree bɛhoahoa wɔn ho mpo wɔ Onyankopɔn abrabɔ ho mmara a wobu wɔn ani gu so no ho. Nanso wɔnkɔ so ntra hɔ daa. Asaf kae sɛ: “Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa.”—Dwom 73:18.
Yiw, wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobeyi nnaadaasɛm, basabasayɛ, ɔporɔw, ne nneyɛe bɔne foforo a aka biara a ɛsɛ sɛ nokware Kristofo kwati no afi hɔ. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn Awurade [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.” (Dwom 37:9) Enkosi saa bere no, ɛmmra sɛ yɛbɛka nsɛm a odwontofo a ɔkaa nea edi so yi kae no bi: “Awurade [Yehowa, NW] ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a miguan medɔ no.”—Dwom 18:2.