Nokwaredi So ɛba ara kwa anaasɛ wɔhyɛ da paw?
“ƐWOM sɛ menyɛ nokwaredifo ankasa de, nanso ɛtɔ mmere bi a midi nokware.” Saa na Autolycus kae wɔ The Winter’s Tale a William Shakespeare kyerɛwee no mu. Eyi da nnipa sintɔ titiriw bi—tɔ a yɛtɔ kɔ bɔne so a efi ‘koma kontomponi’ no—adi. (Yeremia 17:9; Dwom 51:5; Romafo 5:12) Nanso eyi kyerɛ sɛ yentumi nyɛ asɛm no ho biribiara? So ɔbra pa yɛ biribi a ɛba ara kwa? Dabida!
Ansa na Israelfo no redu Bɔhyɛ Asase no so no, Mose kasa kyerɛɛ wɔn bere a na wɔabɔ nsra wɔ Moab asasetaw no so no. Ɔde nneɛma abien na esii wɔn anim. Na wobetumi ayɛ osetie ama Onyankopɔn ahyɛde na wɔanya ne nhyira anaasɛ wɔapo na wɔatwa bɔne so aba a ɛyɛ yaw. (Deuteronomium 30:15-20) Na wobetumi apaw nea wɔpɛ.
Sɛ́ nnipa a yetumi paw nea yɛpɛ no, yɛn nso yɛwɔ hokwan no. Obiara—a Onyankopɔn ka ho—nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ papa anaa bɔne. Nanso, ebinom betumi abisa ma afata sɛ, ‘Sɛ yɛn koma tɔ kɔ bɔne so a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ papa?’ Wiɛ, obi a ɔbɔ sẽ hwɛ ɛsẽ yiye na ama wahu ɛsẽ a ɛresɛe anaa nea ɛreporɔw ansa na asɛe akɔ akyiri dodo. Saa ara na ehia sɛ yɛhwehwɛ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu de hwehwɛ mmerɛwyɛ ahorow ne abrabɔ mu porɔwee. Dɛn ntia? Efisɛ Yesu kae sɛ: “Koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.”—Mateo 15:18-20.
Sɛ obi a ɔbɔ sẽ betumi abɔ ɛse bi ho ban a, gye sɛ ɔwaawae porɔwee biara a ohu no koraa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm so de yi “adwemmɔne” ne akɔnnɔ bɔne biara fi yɛn koma mu. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm Bible no susuw ho a, ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ no akwan nko na yebehu, na mmom yesua sɛnea yɛbɛyɛ nea ɛteɛ nso.—Yesaia 48:17.
Israel Hene Dawid hwehwɛɛ mmoa foforo a ɛho hia na aboa no wɔ nea ɛteɛ a ɔbɛyɛ ho akodi no mu. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Yiw, sɛ yɛnam mpaebɔ so de yɛn ho to Yehowa Nyankopɔn so a, yɛn nso yebetumi adi tɔ a yɛtɔ kɔ bɔne so no so, na yɛanya “honhom foforo” a ɛbɛma yɛayɛ papa. Saa kwan yi so no, yɛremma nokwaredi mmɛyɛ biribi a ɛba ara kwa. Ɛbɛyɛ biribi a yɛpaw.
[Kratafa 21 mfonini]
Sɛnea na ɛte wɔ Dawid fam no, mpae a yɛbɛbɔ Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛayɛ papa