Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 7/1 kr. 32
  • Bere a Yehowa Adansefo Akɔsra Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Yehowa Adansefo Akɔsra Nkurɔfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 7/1 kr. 32

Bere a Yehowa Adansefo Akɔsra Nkurɔfo

Sɛ Yehowa Adansefo no mu biako kɔ Katolekfo fie a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Nhoma bi a Italy Asɔfo Mpanyin Bagua no Asoɛe a Ɛhwɛ Asɔre Nkyerɛkyerɛ So no tintimii nnansa yi ara ka sɛ: “Nkɔmmɔbɔ a wɔka no bɔkɔɔ sɛ wɔmma ho kwan nanso wosi no pi no nkyerɛ atirimɔden.”

Ɛnyɛ Katolekfo nyinaa na wɔpene so, sɛnea krataa a ɔbarima bi a ɔte Foggia, Italy, kyerɛw baa Gazzetta del Mezzogiorno atesɛm krataa a ɛba da biara da mu yi kyerɛ no:

“Menyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Meyɛ Katolekni. Nanso, mmara bi a asɔre no hyehyɛ ma n’akyigyinafo, de ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛw nsɛm bi mmɔ wɔn apon ho mfa mpam Yehowa Adansefo, no yɛ me nwonwa. Anyɛ hwee koraa no, saafo yi kura Onyankopɔn Asɛm, na wɔboa afoforo ma wonya Bible mu nimdeɛ a emu dɔ. Ɛkae me bere a ayamtu sii Italy na wɔde ɔkwan a yɛbɛfa so akwati yare no ho nyansahyɛ maa yɛn no.

“Misusuw sɛ, eyi kyerɛ sɛ asɔre no hyehyɛ n’ankasa mmara a ensusuw n’akyigyinafo no apɛde ho. Nanso mfe bi a atwam ni no, mahu sɛ Katolekfo mpo kɔ afie afie, na wɔkɔ Yehowa Adansefo nso afie; na wogye wɔn ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, a wɔmpam obiara.”

Yehowa Adansefo nhyɛ nkurɔfo sɛ wontie wɔn asɛm no. Mmom no, wɔbɔ mmɔden ka anidaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a wɔn ankasa ahu sɛ ɛma awerɛkyekye wɔ saa ɔhaw mmere yi mu no kyerɛ afoforo. Yehowa Adansefo nam afie afie a wɔkɔ, ne afei nkɔmmɔ a wɔne wɔn a wohyia wɔn mmɔnten so bɔ no so ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no.—Mateo 24:14; Asomafo no Nnwuma 5:42; 17:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena