Hena Bɔhyɛ Na Wubetumi Agye Adi?
WƆ 1893 mu no, nnipa asetra ho animdefo 74 hyiaam wɔ Chicago Wiase Nyinaa Guabɔ bi ase susuw daakye ho. (Ɛhɔ mfonini na ɛwɔ atifi hɔ no.) Bere a wɔreka nea ɛbɛba mfe 100 akyi wɔ 1993 mu no, wɔka too hɔ sɛ nsɛm bi besisi, a emu bi na edidi so yi: “Nnipa pii bedi mfe 150.” “Afiase ahorow so bɛtew na wobebu awaregyae sɛ ɛho nhia.” “Wobetwitwa nneɛma so wɔ amanyɔ mu efisɛ nokware nkɔanim taa gyina nneɛma a ɛnyɛ huanyann so.”
Saa ara na wɔ 1967 mu no, nhoma bi a wɔato din The Year 2000 no nso ka too hɔ sɛ: “Ɛda adi sɛ ebedu afe 2000 no, na kɔmputa ahorow tumi yɛ nnipa nnwuma a egye ‘onipa nko’ adwene paa na wɔatumi ayɛ no bi, a ebia ne nsaano adwuma ne adwinni nyansa ka ho no bi pɛpɛɛpɛ, ne nsɛso, anaa nea ɛkyɛn saa.” “Ɛkame ayɛ sɛ ɛrenyɛ nwonwa koraa sɛ ebedu afe 2000 no . . . na robɔt ahorow a ne bo nyɛ den pii tumi yɛ fie nnwuma dodow no ara.”
Sɛnea adesamma ntumi nhu daakye nsɛm ne tumi a Onyankopɔn tumi yɛ saa no bɔ abira koraa. Sɛ nhwɛso no, fa atifi hɔ nsɛm a wɔka too hɔ no toto nea Bible ka siei bɛyɛ mfeha 20 ni a ɛfa yɛn nna yi ho no ho hwɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”—2 Timoteo 3:1-5.
Bible nkɔmhyɛ a ɛfa “nna a edi akyiri” ho yi yɛ pii a anya mmamu wɔ yɛn bere yi so no mu biako pɛ. Onyankopɔn Asɛm ka siei sɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛbɛkyerɛ sɛ Yesu aba no bi ne wiase ko, aduankɔm, ɔyaredɔm, asasewosow, ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa.—Mateo 24:3-14; Luka 21:11.
Sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ nni huammɔ no kaa Bible kyerɛwfo bi ma ɔpaee mu kae mfehaha pii a atwam ni sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.
Yiw, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛbam. Onyankopɔn Ahenni beyi ɔyare, nsɛmmɔnedi, nnubɔnenom a ɛka nkurɔfo hɔ, ɔkɔm, ne akodi afi hɔ—asase nyinaa bɛyɛ paradise. (Dwom 37:10, 11, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Wubetumi de wo ho ato saa nkɔmhyɛ yi so sɛ ebenya mmamu! Efi yɛn Bɔfo a “onni atoro” no hɔ.—Tito 1:2; fa toto Hebrifo 6:13-19 ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Cleveland State University Archive