Mmofra Pa Tete—Ebetumi Ayɛ Yiye Nnɛ Nso?
ROBERT GLOSSOP a ɔwɔ Vanier Abusua Ahyehyɛde a ɛwɔ Ottawa, Canada, mu no ka sɛ: “Seesei yɛte abusua bi a nneɛma ayɛ hwanyann, amammerɛ bi a emu nneɛma adi afra kɛse a abrabɔ ho mmara pɔtee bi nni hɔ, mu.” Dɛn na ɛde aba? Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ The Toronto Star mu ka sɛ: “Mmofra a wonyinsɛn, mmofra basabasayɛ ne mmofra a wodi wɔn ho dɔm nyinaa renya nkɔanim.”
Ɛnyɛ Amerika Kusuu fam nkutoo na ɔhaw no wɔ. Bill Damon a ɔyɛ Nnipa Nkɔso Asoɛe ho kwankyerɛfo wɔ Brown Sukuupɔn a ɛwɔ Rhode Island, U.S.A., mu no ayɛ saa haw ahorow yi mu nhwehwɛmu wɔ Britain ne Europa aman foforo mu, ne afei Australia, Israel, ne Japan. Ɔka sɛ asɔre, sukuu, ne ahyehyɛde ahorow mfa akwankyerɛ mma mmofra. Ogye di sɛ, yɛn amammerɛ no “nnim nea ehia na ama mmofra anya su pa ne ahokokwaw.” Bere a ɔreka awofoyɛ ho abenfo a wɔkyerɛkyerɛ sɛ “nteɛso yɛ asiane ma mmofra akwahosan ne wɔn yiyedi” ho asɛm no, Damon kyerɛ sɛ “eyi na ɛma mmofra bɛyɛ asoɔdenfo, a wommu ade.”
Dɛn koraa na ɛnnɛ mmofra hia? Wohia ɔdɔ ntetee a ebesiesie wɔn adwene ne wɔn koma daa. Mmofra ahorow hia nteɛso a egu ahorow. Sɛ ɔdɔ mu na wofi de nteɛso ma a, mpɛn pii no, wɔde ma wɔ ɔkwan a ntease wom so. Ɛno nti na wɔka kyerɛ yɛn wɔ Mmebusɛm 8:33 sɛ ‘yentie nteɛso’ no. Nanso, ebinom wɔ hɔ a ɛnyɛ “nsɛm kɛkɛ” na wɔde ‘teɛ’ wɔn so. Wɔn fam no, ebia asoɔden ho asotwe a ɛfata a wɔde ma ɔkwampa so ho behia. (Mmebusɛm 17:10; 23:13, 14; 29:19, NW) Bere a Bible no rekamfo eyi akyerɛ no, ɛnyɛ sɛ ɛrehyɛ nteɛso a wɔde ma abufuw so anaa ɔhwe a ano yɛ den ho nkuran. (Mmebusɛm 16:32) Mmom no, ɛsɛ sɛ abofra no te nea enti a wɔreteɛ no so no ase, na ohu sɛ ɔwofo no pɛ n’asɛm, n’ani gye ne ho ntia.—Fa toto Hebrifo 12:6, 11 ho.
Wɔka Bible mu afotu a mfaso wɔ so na ntease wom saa no ho asɛm wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no mu.