Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 1/1 kr. 32
  • Mmuae a Ɛkanyan Adwene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmuae a Ɛkanyan Adwene
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 1/1 kr. 32

Mmuae a Ɛkanyan Adwene

BRITANIA Roma Katolekfo atesɛm krataa, Catholic Herald, tintim ɔkenkanfo bi a ofi Wales krataa a ɔkyerɛwee sɛ: “Anadwo bi, Yehowa Adansefo baanu baa me fie. Mebɔɔ mmɔden kae sɛ Katolek Asɔre no na wɔbɔɔ Apam Foforo a wɔfaa mu asɛm kae no ho ban. Wɔn mu biako gye toom ma me ho dwiriw me. Ɔkae sɛ: ‘Yiw, mo na mobɔ ho ban nanso momfa nyɛ adwuma. Yesu kae sɛ, “monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no,” nanso mukum mo ho mo ho. Wɔ ɔko a etwaam no, Katolekfo kunkum Katolekfo, nanso Yehowa Adansefo mu biara ankum [ne yɔnko] Ɔdansefo.’ Metumi agye no kyim? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ mpae sɛ yɛne yɛn ‘nuanom a wɔatew’ wɔn ho no bɛyɛ biako, bere a biakoyɛ papa biara nni yɛn ankasa mu? So ɛnsɛ sɛ yesiesie aniwusɛm yi ansa?”—Yohane 15:12.

Afeha a ɛto so 20 yi mu wiase nyinaa ako abien no nyinaa fii ase wɔ Kristoman mu, na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 kosi ɔpepem 60. Nanso, yebetumi aka no nokwarem sɛ Yehowa Adansefo amfa wɔn ho anhyɛ saa ako no mu, na saa ara nso na wɔnka ntawntawdi a ɛrekɔ so mprempren no biara ho. Ɛyɛ dɛn na eyi tumi ba saa? Ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ Kristofo dɔ ne biakoyɛ a emu yɛ den a Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem anum a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ no mu kɔ akyiri.—Fa toto Yesaia 2:4 ho.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

U.S. National Archives mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena