Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/15 kr. 32
  • So Onyankopɔn Bɛsɛe Wiase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Bɛsɛe Wiase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/15 kr. 32

So Onyankopɔn Bɛsɛe Wiase?

SƐNEA Pope John Paul II kyerɛ no, nnipa betumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan. Ɔkae sɛ, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, “nnipa akɔ so ayɛ bɔne, a gyama ɛsõ mpo sen nea wɔkyerɛ sɛ ɛkɔɔ so ansa na nsuyiri no reba no.” Ɛmfa ho mpo sɛ ɛte saa no, pope no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “nsɛm a Onyankopɔn kae wɔ apam a ɔne Noa yɛe no mu no ma yehu sɛ seesei bɔne biara nni hɔ a ebetumi ama Onyankopɔn asɛe wiase a n’ankasa abɔ no.”

Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn rensɛe wiase da? Bible no ka sɛ Nsuyiri no akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Meremfa nsuyiri mensɛe ɔhonam nyinaa bio, na nsuyiri remma mmɛsɛe asase bio.” (Genesis 9:11) Pope no kae sɛ Onyankopɔn nam saa nsɛm yi so “gye toom sɛ ɔbɛkora [asase so] na ansɛe.”

Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ Ɔbɔadeɛ no remma wɔnsɛe yɛn okyinnsoromma yi. Bible se: “Asase de, etim hɔ daa.” (Ɔsɛnkafo 1:4) Nanso yebetumi asua pii afi Nsuyiri no mu—biribi a pope no anka ho asɛm.

Yesu kae sɛ wɔ ne daakye mmae mu no, asase so tebea bɛyɛ “sɛnea Noa nna no yɛe,” a nkurɔfo “[anhu] de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no.” (Mateo 24:37-39) Saa ara na ɔsomafo Petro nso kyerɛwee sɛ sɛnea “nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no,” saa ara na “atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da” repempɛn so ma seesei wiase yi.—2 Petro 3:5-7.

So Yesu ne Petro werɛ fii apam a Nyankopɔn ne Noa yɛe no? Ɛrentumi mma saa! Sɛnea Onyankopɔn kae wɔ apam a ɔne Noa yɛe no mu no, ɔremfa nsuyiri mmɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi. Mmom no, ɔbɛma “ahene mu hene ne awuranom mu awurade,” Yesu Kristo, de n’ahoɔden adi dwuma. (Adiyisɛm [Yikyerɛ] 19:11-21) Enti sɛnea Bible kyerɛ no, wɔrensɛe asase, nanso adesamma amumɔyɛfo “wiase” no de, wɔbɛsɛe no ɔkwan biara so. (Mmebusɛm 2:21, 22; Adiyisɛm 11:18) Ɛno akyi no, “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena