Obi Kamfoo Nhyiam a “Ɛda Nsow” Bi
NÁ RADIO so ɔmanneɛbɔfo bi a ɔwɔ Lima, Peru, nte Yehowa Adansefo ase koraa. Nanso bere a ɔkɔɔ wɔn mantam nhyiam biako ase bae akyi no, ne suban sesae koraa. Nokwarem no, n’ani gyei araa ma ɔkaa wɔn ho nsɛm pa kyerɛɛ wɔn a wotie no wɔ radio so no. Nea ɔkae no bi na edidi so yi:
“Ná nhyiam no yɛ nea ɛda nsow ankasa. Ná krataa biara nna fam, na saa ara nso na wunhu sɛ obi sõ nneɛma retɔn wɔ hɔ. Ná kar nkyereso biara nni hɔ. Nnipa mpemnum ahanu de wɔn ankasa sika kɔɔ agumadibea hɔ, na na wɔn mu biara kura bokiti, ntamagow a wɔde popa fam ne nea wɔde popa nneɛma ho, kankyee a wɔde sesaw wura, prae, tui a wɔde ka dan ho, ahyɛnsa, ne samina a wɔde bɛhohoro na wɔde atwitwiw hɔ. Biribiara a ehia sɛ wɔka ho no, wɔyɛɛ no saa. Ɛhe na sika no fi bae? Wɔn ankasa na eyiyii! Sɛ wɔbɔ wɔn amanneɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi biribi ho dwuma a, ntɛm ara na wɔatoto wɔn bɔtɔ mu ayi bi ama. Nokwarem ni, Katolek Asɔre no mmɔ nneɛma a ɛtete sɛɛ ho mmɔden. Mepɛ sɛ mema Yehowa Adansefo ne wɔn a wɔhwɛɛ dwumadi yi so no amo. Na mepɛ sɛ mifi me koma nyinaa mu ka kyerɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn mmoa mo, na onhyira mo.”
Yehowa Adansefo bɛyɛ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam wɔ nkurow ahorow mu wɔ wiase nyinaa, afe yi. Wobɛkɔ bi?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 32]
“Ná krataa biara nna fam”