Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/15 kr. 32
  • “Wufi Wo Mmofraase Nim”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wufi Wo Mmofraase Nim”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/15 kr. 32

“Wufi Wo Mmofraase Nim”

NYANSAHU mu nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi kyerɛ sɛ, sɛ wɔkasa kyerɛ nkokoaa a, enya sɛnea wɔn amemene nyin no so nkɛntɛnso kɛse, na ɛboa ma wotumi fa adwene, susuw nneɛma ho, di nsɛnnennen ho dwuma. Eyi te saa titiriw bere a akokoaa no nnya nnii afe no. International Herald Tribune bɔ amanneɛ sɛ seesei nhwehwɛmufo binom gye di sɛ “nsɛmfua dodow a akokoaa te no da biara no yɛ ade biako a ɛho hia titiriw a wobetumi agyina so akyerɛ sɛnea akyiri yi, n’adenim, ne sukuu mmɔdenbɔ ne n’asetram mpɔntu bɛyɛ.”

Nanso, ɛsɛ sɛ nsɛm a ɔte no fi onipa hɔ. Ɛkame ayɛ sɛ wontumi mfa Television anaa radio nsi ananmu.

Amemene ho nimdefo bi a ɔwɔ Washington Sukuupɔn wɔ Seattle, U.S.A. no kae sɛ: “Seesei yenim sɛ nnipa nya amemene mu nkitahodi ntɛm koraa wɔ asetram, na akokoaa amemene ayɛ krado retwɛn tebea horow a ɛbɛkyerɛ no sɛnea ebedi nkitaho no. Nnansa yi ara na yɛrehu sɛ saa adeyɛ yi fi ase ntɛm. Sɛ nhwɛso no, nkokoaa tumi hyɛ wɔn kurom kasa nnyigyei nsow ansa na wɔadi asram asia.”

Nhwehwɛmu bɔ adwene a nnipa pii wɔ sɛ, nea ɛbɛma nkokoaa adwenem abue ara ne sɛ wɔbɛda ɔdɔ pii adi akyerɛ wɔn no gu. Esi so dua nso sɛ awofo mmoa ho hia wɔ abofra nyin mu.

Eyi ma yɛkae krataa a efi honhom mu a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Timoteo no mu nsɛm yi: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.” Ɛda adi yiye sɛ nkyerɛwee kronkron no a akokoaa Timoteo maame ne ne nana a na wɔyɛ gyidifo no ka kyerɛɛ no no dii dwuma titiriw wɔ nkɔso a onyae sɛ Onyankopɔn somfo a ɔda nsow no mu.—2 Timoteo 1:5; 3:15; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena