Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 5/1 kr. 32
  • Dɛn Nti na Wonkɔka Wɔn Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Wonkɔka Wɔn Ho?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 5/1 kr. 32

Dɛn Nti na Wonkɔka Wɔn Ho?

NDJAUKUA ULIMBA adi mfe 73, na afe a etwaam no, otuu kwan twaa bɛyɛ kilomita 450. Ɔde nantew na etwaa kwan no nyinaa, na egyee no nnafua 16.

Ɔbarima a ne mfe akɔ anim yi twaa kwan tenten yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ afe afe nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe no mu biako. Nhyiam no akyi, bere a na n’ani agye mmoroso na ahyɛ no den wɔ honhom mu no, ɔsan nantew kɔɔ fie—a ɛno nso gyee no nnafua 16. So na mfaso wɔ so? Yiw, na ɛte saa! Ndjaukua Ulimba fi mfe pii atwa kwan yi afe biara.

Ná Afrikani barima yi ka nnipa bɛboro ɔpepem 15 a wofi aman bɛboro 230 so kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no afe a etwaam no ho. Ɛwom, wɔn mu dodow no ara amfa nna pii na etwaa kwan kɔɔ nhyiambea hɔ. Nnipa dodow no ara de kar, bɔs, train, anaa wimhyɛn na ɛkɔe. So na woyɛ wɔn mu biako?

Wɔbɛsan ayɛ nhyiam ahorow wɔ wiase nyinaa wɔ 1998 mu, wɔ ahohuru bere (anaa wɔ ɔpɛ bere) mu titiriw. Sɛ edu hɔ na Ndjaukua Ulimba wɔ ahoɔden a, akyinnye biara ni ho sɛ ɔbɛsan anantew kwan tenten no bio akɔ bi. Ɔne afoforo ɔpepem pii betie dwumadi bi a mfaso wɔ so, ɛhyɛ gyidi den, na ɛma nkuranhyɛ. Nhyiam no bɛyɛ afe no mu ade titiriw ama wɔn a wɔbɛkɔ bi no nyinaa. Yɛde anigye to nsa frɛ wo nso sɛ bra bi. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo faako a wɔbɛyɛ nhyiam a ɛbɛbɛn wo paa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena