Ɔbra Pa Ma Wonya Ayeyi
ITALIA atesɛm krataa La Gazzetta del Mezzogiorno kamfoo Yehowa Adansefo wɔ asɛm “Matera—Kurow a Emufo Te Abodan Soronko Mu” a wotintimii no ho. Asɛm yi puei wɔ July 8, 1997, Engiresi Nyan! nsɛmma nhoma a wɔkyekyɛ bebree wɔ kasa pii mu no mu. Mprempren wɔkyerɛ Nyan! ase kɔ kasa horow 81 mu, na wɔkyekyɛ bɛboro ɔpepem 19 wɔ wiase nyinaa. Atesɛm krataa no kae sɛ Nyan! na edii kan wɔ ahohuru bere mu “[Matera] kurow no ho abakɔsɛm ne tete adwinni ho dawurubɔ no mu.”
Atesɛm krataa no kamfoo Adansefo no wɔ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ Matera wɔ 1997 mu no ho. Atesɛm krataa no kae sɛ Adansefo no maa “nnipa 4,000 baa [kurow] no XXI Settembre Agumadibea wɔ ahohuru bere mfinimfini bere a awia abɔ kɛse no; wosiesiee hɔ, san kaa hɔ aduru, na wosiesiee agumadibea yi (titiriw beae a wogya anan) maa ɛyɛɛ foforo koraa a wɔannye hwee, de wɔn ankasa sika totɔɔ nneɛma a ɛho hia no.”
Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne obiara bɛtra yiye. (Mateo 22:37-39) Wotie Kyerɛwnsɛm mu afotu yi nso: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na . . . wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɔhwɛ da no.”—1 Petro 2:12.