Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 7/15 kr. 32
  • “Biakoyɛ ne Onuayɛ Ho Nhwɛso”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Biakoyɛ ne Onuayɛ Ho Nhwɛso”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 7/15 kr. 32

“Biakoyɛ ne Onuayɛ Ho Nhwɛso”

Saa na ɔbea bi kaa su a Yehowa Adansefo daa no adi bere a ne busuani bi wuu yayaaya no ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Migyina me ne m’abusuafo anan mu reda Adansefo a wɔwɔ asafo a wɔka Italia kasa a ɛwɔ Freiburg, Germany, no mufo ase. M’abusuafo nyinaa nyɛ Yehowa Adansefo, gye me nuabarima Antonio ne ne yere, Anna nkutoo. Yɛakasa atia wɔn som no fi bere tenten, ɛwom sɛ yɛnsɔre ntiae da de.

“Nanso, afei de, ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene. Nokwasɛm ne sɛ, yɛahu onuayɛ ne ɔdɔ ho nhwɛso a yɛanhwɛ kwan koraa.

“Awerɛhosɛm ne sɛ, Anna wuu mpofirim wɔ kar akwanhyia bi mu. Esiane sɛ yɛte Italy nti, yetumi traa me nuabarima Antonio ne ne mma no nkyɛn bere tiaa bi pɛ. Nanso ne nuanom Adansefo no adi aboa no. Wɔnam wɔn nsrahwɛ, wɔn kasa, wɔn gyidi, ne wɔn honam fam denhyɛ, nkuranhyɛ, ne sika fam akyɛde so aboa no. Esiane sɛ m’ankasa mintumi nna asafo no mufo ase nti, mepɛ sɛ mefa mo nsɛmma nhoma yi so da wɔn ase wɔ biakoyɛ ne onuayɛ ho nhwɛso a wɔayɛ a yɛn werɛ remfi da no ho.”

Yɛn ani sɔ nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɔbea yi kae no. Sɛnea ɔkae no, Yehowa Adansefo yɛ amanaman ntam onuayɛ. (1 Petro 2:17) Wonya ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn ho wɔn ho, bere a wonim sɛ ɔdɔ yɛ “pɛyɛ hama no.” (Kolosefo 3:14) Wɔ tebea a ɛyɛ awerɛhow paa a ebetumi ato yɛn mu biara mpo mu no, Yehowa Adansefo bata Nyankopɔn ne ne nkurɔfo ho.—Mmebusɛm 18:24; Ɔsɛnkafo 9:11; Yohane 13:34, 35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena